Kyerɛ Afoforo Ho Anigye—Denam Wo Nsɛm a Wobɛdannan Mu So
1 Ɔsomafo Paulo yɛɛ nhwɛso pa wɔ ɔkwan a ɔfaa so dannan ne nsɛm mu no ho. Ɔsakraa sɛnea ɔka asɛmpa no mu ma ɛne n’atiefo no tebea ne wɔn nsusuwii hyiae. (1 Kor. 9:19-23) Yɛn nso ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden yɛ saa ara. Sɛ yesusuw yɛn atiefo ho a, yebetumi asakra nyansahyɛ a wɔde ama wɔ Yɛn Ahenni Som no mu ma afa nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu no ahiade ho. Sɛ yɛkɔ ofie bi mu a, yebetumi ahyɛ nneɛma a ofiewura no ani gye ho no nsow na yɛaka yɛn asɛm no ma afa ho. Nanso, akwan foforo wɔ hɔ a yebetumi afa so ayɛ fakaa wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu.
2 Kyerɛ Afoforo Mmuae Ho Anigye: Sɛ yɛreka asɛmpa no a, yɛtaa bisa asɛm a yɛhwɛ kwan sɛ ofiewura no bebua. Wubu ne mmuae no dɛn? So woka nsɛm bi ara kɛkɛ de kamfo no na afei woatoa w’asɛm no so? Anaasɛ nea woka no da no adi sɛ wususuw ofiewura no adwenkyerɛ no ho? Sɛ wufi wo komam kyerɛ nea afoforo ka ho anigye a, wubetumi afa anifere kwan so abisa nsɛm de ahu nea ɛwɔ wɔn adwenem. (Mmeb. 20:5) Afei wubetumi atwe adwene asi Ahenni nkrasɛm no fã bi a ɛka nea ɛhaw wo tiefo no ho asɛm so tẽẽ.
3 Eyi hwehwɛ sɛ yesiesie yɛn ho yiye na yɛatumi abua afoforo nsɛmmisa sen sɛ yɛbɛka nea yɛde nam no nkutoo. Sɛ yefi ase sɛ yɛreka asɛm bi a epuee atesɛm krataa mu, na ofiewura no dan asɛm no ka biribi a asi ne mpɔtam hɔ anaa biribi a ɛhaw no ho asɛm a, ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛde ofiewura no ahiade bedi kan no bɛboa yɛn ma yɛde Bible mu nkɔmmɔbɔ no agyina nea n’ani begye ho kɛse so.—Filip. 2:4.
4 Yɛn Asɛm no a Yɛbɛdannan Mu: Sɛ ofiewura no bisa asɛm bi a, ɛbɛyɛ papa sɛ yetu yɛn nkɔmmɔbɔ no hyɛ bere foforo na yɛkɔyɛ asɛm a obisae no ho nhwehwɛmu. Yebetumi nso ama no nhoma ahorow a ɛkyerɛkyerɛ asɛm no mu fann. Eyinom nyinaa kyerɛ sɛ yefi komam pɛ sɛ yɛboa afoforo ma wobehu Yehowa.—2 Kor. 2:17.