Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/05 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase December 12
  • Dapɛn a Efi Ase December 19
  • Dapɛn a Efi Ase December 26
  • Dapɛn a Efi Ase January 2
Yɛn Ahenni Som—2005
km 12/05 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase December 12

Dwom 32

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Afei nso, munsusuw “Nneɛma a Wɔkra no Afe Afe, 2007 De” no ho. Bɔ asafo no amanneɛ ma wonhu bere a ɛsɛ sɛ wɔkra wɔn nneɛma no. Sɛ mubetumi de nyansahyɛ a wɔde ama wɔ kratafa 8 no adi dwuma wɔ mo asasesin mu a, fa yɛ sɛnea wɔde December 1 Ɔwɛn-Aban anaa December 8 Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Mubetumi afa akwan foforo a ɛfata so aka asɛm no. Wɔyɛ ɔyɛkyerɛ no wie a, ka sɛnea ɛnyɛ den koraa sɛ yɛde kyerɛwsɛm biako bɛka yɛn asɛm ho no ho asɛm.

15 min: “Sukuu a Ɛboa Ma Yɛde Nea Yesua Bɔ Yɛn Bra.” Ɔkasa a sukuu sohwɛfo ma. Fa krataa a ɛhyɛ October 2005 Yɛn Ahenni Som mu no mu nsɛm ka ho.

20 min: “Nkyerɛkyerɛ a Ɛkɔ Nkwa Mu.”a Di kan ne onipa baako anaa nnipa baanu nyɛ nhyehyɛe ma wɔnka mfaso a wɔanya afi nkyerɛkyerɛ a Onyankopɔn nam n’ahyehyɛde no so de ma mu no nkyerɛ.

Dwom 101 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase December 19

Dwom 160

5 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka August Asɛnka Akontaabu no ho asɛm tiawa na kamfo wɔn nyinaa. Ka nhyehyɛe titiriw a moayɛ a mode bɛkɔ asɛnka December 25 ne January 1 no ho asɛm. Kae wɔn nyinaa ma wɔmfa nneɛma a wɔkra no afe afe a wɔbɛkra wɔ afe 2007 mu no nyinaa mma nhoma sohwɛfo no.

15 min: “Kyerɛ Afoforo Ho Anigye—Denam Wo Nsɛm a Wobɛdannan Mu So.”b Ma wɔnyɛ sɛnea ɔdawurubɔfo bi betumi agyina asɛm a ofiewura no ka so adan ne nsɛm mu no ho ɔyɛkyerɛ tiawa.

25 min: “Wo Ba Betumi Asi Gyinae a Ɛkyerɛ sɛ Ne Ho Akokwaw?”c Ɛsɛ sɛ asafo mu ɔpanyin di ho dwuma. Ma onua a n’akenkan mu da hɔ nkenkan nkyekyɛm biara den. Munsusuw kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no nyinaa ho. Sɛ mususuw nkyekyɛm 2 ho wie a, fa tebea a mmabun baanu a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ June 15, 1991, Ɔwɛn-Aban, kratafa 16 kosi 17, nkyekyɛm 16 kosi 17 ne adaka a ɛka ho no yɛ ntotoho. Sɛ wode asɛm no reba awiei a, hyɛ awofo nkuran sɛ wɔnsan nsusuw asɛm a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban no mu nyinaa ho. Ɛno akyi pɛɛ no, wɔne wɔn mma no nyɛ Bible ahyɛde a ɛfa mogya ho no ho ɔyɛkyerɛ mfa nsiesie wɔn na wɔatumi de ahotoso akyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu. Ɛsɛ mmusua ti hwɛ hu sɛ abofra biara a wabɔ asu no wɔ DPA kratasin no bi, ɛnna wɔn a wɔmmɔɔ asu no nso wɔ Identity Card no bi hyɛ wɔn ho. Bere biara a wobegye obi ato ayaresabea na mogya ho asɛm bɛsɔre no, ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo no kohu Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no ma wɔboa wɔn.

Dwom 56 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase December 26

Dwom 85

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sikasɛm ho amanneɛbɔ ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka mo ntoboa no. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa December asɛnka akontaabu mma. Kamfo anuanom wɔ ɔman mũ no August ɔsom akontaabu no ho na hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa wɔn akontaabu no mmra ntɛm. Sɛ mo asafo no bɛsakra bere a mode yɛ adesua no wɔ afe foforo yi mu a, ka mmere foforo a mode bɛyɛ mo nhyiam ahorow no ho asɛm. Ka nhoma a yɛde bɛma wɔ January mu no ho asɛm, na kyerɛ beae a yebehu sɛnea yɛde bɛma ho nyansahyɛ no. Sɛ mubetumi de nyansahyɛ a wɔde ama wɔ kratafa 8 no adi dwuma wɔ mo asasesin mu a, fa yɛ sɛnea wɔde December 15 Ɔwɛn-Aban anaa December 22 Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Mubetumi afa akwan foforo a ɛfata so aka asɛm no.

20 min: Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yedi Aware Ni? Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina May 8, 2004 Awake! kratafa 20 ne 21 so. Si nea Kyerɛwnsɛm no ka wɔ aware ho a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ asɛmti nketewa biara ase no so dua, na hyɛ obiara nkuran ma ɔnkyerɛ obu mma aware nhyehyɛe no.

15 min: Yehowa a Wode No Bɛyɛ Wo Nyankopɔn. Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina April 1, 2005, Ɔwɛn-Aban, kratafa 25 kosi 28 so. Kyerɛ sɛnea yebetumi asua biribi afi Abraham, Dawid ne Elia nhwɛso no mu.

Dwom 222 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase January 2

Dwom 5

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Dɛn ne Harmagedon? Mma nnianim nsɛm no nni simma biako na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so na momfa nsusuw Reasoning nhoma no kratafa 44 kosi 49 ho. Ma atiefo mfa kyerɛw nsɛm a wɔaka mu asɛm ne nea wɔatwe adwene asi so no mu nsɛm mmua nsɛmmisa a wɔde nkyerɛwde tuntum akɛse akyerɛw no. Munsusuw sɛnea yebetumi de asɛm no adi dwuma wɔ asɛnka mu ho.

15 min: “Fa Yɛn Bible Ho Nhoma no Di Dwuma Nyansam.”d Fa September 2002 Yɛn Ahenni Som, kratafa 1 no mu nsɛm ka ho.

15 min: Asafo mu ahiade. Asafo ahorow a wɔakɔ wɔn mantam nhyiam dedaw no betumi de saa fã yi atĩ nhyiam no mu nsɛm mu sɛnea yɛkae wɔ November 2005 Yɛn Ahenni Som, kratafa 1 mu no.

Dwom 48 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena