Kyerɛkyerɛ Ahobrɛasefo ma Wɔnnantew Onyankopɔn Kwan So
1. Sɛ yɛbɛyɛ afoforo asuafo a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
1 Wɔkaa Kristo akyidifo a na wɔwɔ afeha a edi kan mu no ho asɛm sɛ wɔnam “Ɔkwan No” so. (Aso. 9:2) Kristosom ankasa hwehwɛ sɛ obi de n’asetra kwan nyinaa bɛsom Nyankopɔn. (Mmeb. 3:5, 6) Enti sɛ yɛreyɛ Bible adesua a, ehia sɛ yɛyɛ pii sen sɛ yɛbɛma onipa no anya Bible nkyerɛkyerɛ ho nimdeɛ ara kɛkɛ. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛboa Bible asuafo ma wɔnantew Yehowa kwan so.—Dw. 25:8, 9.
2. Dɛn na ebetumi ahyɛ Bible suani nkuran ma wadi Onyankopɔn ahyɛde so?
2 Yehowa ne Yesu Ho Dɔ: Hwɛ sɛnea ɛyɛ den ma nnipa a wɔnyɛ pɛ sɛ wɔbɛma wɔn nsusuwii, wɔn kasa, ne wɔn abrabɔ ne Onyankopɔn apɛde ahyia! (Rom. 7:21-23; Efe. 4:22-24) Nanso Onyankopɔn ne ne Ba no ho dɔ ma nnipa ahobrɛasefo gye ahyɛde yi tom. (Yoh. 14:15; 1 Yoh. 5:3) Yɛbɛyɛ dɛn aboa yɛn Bible asuafo ma wɔanya saa ɔdɔ yi bi?
3. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa Bible asuafo ma wɔadɔ Yehowa ne Yesu?
3 Boa wo Bible suani no ma onhu onii ko a Yehowa yɛ. Onua bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “Nnipa ntumi nnɔ obi a wonnim no, enti sɛ yenya fi adesua ase ara pɛ a, mede Bible no kyerɛ wɔn Onyankopɔn din na mehwehwɛ hokwan de si Yehowa su ahorow no so dua.” Nhwɛso a Yesu yɛe no yɛ ɔkwampa a yebetumi afa so ama nnipa a yɛne wɔn sua ade no anya wɔn ho dɔ. (Yoh. 1:14; 14:9) Bio nso, fa ntĩmu adaka a ɛwɔ ti biara awiei wɔ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no mu no boa osuani no ma onsusuw Onyankopɔn ne ne Ba no su ahorow a ɛyɛ nwonwa no ho.
4. (a) Dɛn nti na ɛyɛ den ma yɛn Bible asuafo pii sɛ wɔbɛka asɛm no? (b) Yɛbɛyɛ dɛn aboa yɛn Bible asuafo ma wɔatu anammɔn a edi kan wɔ Kristofo som adwuma no mu?
4 Fa Nhwɛso Kyerɛkyerɛ: Sɛ́ akyerɛkyerɛfo ne akwankyerɛfo no, yɛde yɛn nneyɛe kyerɛ afoforo nea Onyankopɔn kwan a yɛnantew so no kyerɛ. (1 Kor. 11:1) Sɛ nhwɛso no, Bible asuafo pii nnim sɛnea wɔbɛkɔ nnipa a wonnim wɔn nkyɛn akɔka wɔn gyidi ho asɛm akyerɛ wɔn. Enti egye boasetɔ ne ahokokwaw na woatumi aboa wɔn ma wɔanya ɔdɔ, gyidi ne akokoduru a ɛfata ma wɔatumi ayɛ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no. (2 Kor. 4:13; 1 Tes. 2:2) Ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛkyerɛ yɛn Bible asuafo kwan no bɛkanyan yɛn ma yɛabɛn wɔn bere a wotu anammɔn a edi kan wɔ Kristofo som adwuma no mu no.
5. Ɔkwan bɛn so na nhwɛso pa a yɛbɛyɛ no bɛboa Bible asuafo ma wɔadi Onyankopɔn ahyɛde ahorow so?
5 Bible asuafo betumi asua biribi a ɛho hia a ɛfa Kristofo abrabɔ ho afi wo nhwɛso a wobɛyɛ ama wɔn no mu. Sɛ wokɔsra wɔn a wɔyare anaa wode anigye kyiakyia afoforo wɔ asafo nhyiam ase a, wohu sɛnea woda ɔdɔ adi no. (Yoh. 15:12) Sɛ woboa ma wosiesie Ahenni Asa so anaa woyɛ nneɛma boa afoforo a, wonam so kyerɛ wɔn sɛnea wɔsom afoforo. (Yoh. 13:12-15) Sɛ wohu sɛ w’asetra nkyere so a, ɛma wɔte nea enti a ɛsɛ sɛ ‘wɔde ahenni no di kan’ no ase.—Mat. 6:33.
6. Sɛ yɛboa ahobrɛasefo ma wɔsom Yehowa a, dɛn na efi mu ba?
6 Egye mmɔdenbɔ na yɛakyerɛkyerɛ afoforo Onyankopɔn Asɛm ayɛ wɔn asuafo. Nanso hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yehu ahobrɛasefo sɛ ‘wɔkɔ so nantew nokware no mu’!—3 Yoh. 4.