Bible Adesua a Etu Mpɔn a Wɔyɛ no Pon Ano
1. Atirimpɔw bɛn nti na yɛyɛ Bible adesua?
1 Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yebefi Bible adesua ase! Nanso, obi a n’ani gye Bible adesua ho a yebenya no no yɛ mfiase ara kwa. Atirimpɔw a enti yɛyɛ adesua no ne sɛ yɛbɛboa onipa no ma wabɛyɛ Kristo suani mapa. (Mat. 28:19, 20) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛadu saa botae no ho?
2. Dɛn ne Bible adesua a wɔyɛ wɔ pon ano no, na dɛn nti na etu mpɔn?
2 Nnipa a Wonni Adagyew: Ɛnnɛ, ɛyɛ den paa sɛ nkurɔfo benya adagyew. Wɔ mmeae bi no, nnipa kakraa bi na mfiase no wɔbɛpɛ sɛ woyi dɔnhwerew biako si hɔ de sua Bible no. Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi adi saafo no adanse no, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛne wɔn mfi Bible adesua ase wɔ pon ano na sɛ ɛbɛyɛ yiye wɔ yɛn mpɔtam hɔ a, yɛayɛ wɔ telefon so. Mfiase no, adesua a ɛte saa no betumi ayɛ tiawa, nanso yebetumi agyina Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no nkyekyɛm biako anaa abien bi so de asusuw Bible kyerɛw nsɛm bi ho. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ seesei adawurubɔfo pii reyɛ Bible adesua wɔ pon ano, na ebinom mpo abɔ mmɔden ayɛ saa wɔ telefon so!
3. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde bere pii yɛ pon ano Bible adesua?
3 So ɛsɛ sɛ pon ano adesua a yɛyɛ no ara dɔɔso ma yɛn? Dabi. Sɛ yefi adesua bi ase foforo a, eye sɛ yɛrenkyɛ wɔ ho pii, nanso June 1990 Yɛn Ahenni Som, kratafa 4, no kae sɛ: “Bere a adesua no atim na ofiewura no ani agye ho no, yebetumi ama adesua no akyɛ kakra.” Eyi ho hia paa. Mfatoho bi ni: Sɛ ɔkɔm de abofra bi kyɛ na sɛ yɛrema no aduan a, mfiase no yɛyɛ no nkakrankakra kosi sɛ afei n’ankasa benya aduan ho akɔnnɔ, nanso sɛ yɛkɔ so ma no aduan nketenkete bere nyinaa a, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ obenya ahoɔden a ɛbɛma wanyin yiye. Saa ara na ehia sɛ yɛne Bible suani no taa sua ade na ama wabɛyɛ Onyankopɔn somfo a ne ho akokwaw.—Heb. 5:13, 14.
4. Mfaso bɛn na ɛwɔ Bible adesua a wɔyɛ no fie mu no so?
4 Ofie Bible Adesua: Eye sɛ yɛbɛyɛ adesua no wɔ kokoam baabi—wɔ fie mu, nnyedua ase, anaa beae foforo a ɛfata. Eyi bɛma adesua no ayɛ mmerɛw na ɛbɛboa osuani no ma wanya Onyankopɔn Asɛm a ɔresua no mu ntease. (Mat. 13:23) Ɛbɛboa ɔkyerɛkyerɛfo no nso ma w’adannan adesua no mu ma ɛne osuani no ahiade ahorow ahyia. Bio nso, sɛ adesua no kyɛ kakra a, ɛbɛma moasusuw nneɛma a ɛhyɛ gyidi den a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ho yiye.—Rom. 10:17.
5. Ɔkwan bɛn so na yebetumi asesa pon ano adesua ayɛ no wɔ ofie?
5 Wobɛyɛ dɛn asesa adesua a wɔyɛ wɔ pon ano no de akɔ fie mu? Bere a moayɛ adesua ntiantia pii wɔ pon ano no, dɛn nti na wonka adesua a mobɛyɛ ma akyɛ kakra ho asɛm nkyerɛ no? Anaa wubetumi afa kwan bi so abisa onipa no sɛ, “Ɛnnɛ, bere bɛma kwan ma yɛatra ase abom asusuw eyi ho?” Anaa “Bere tenten ahe na wobɛpɛ sɛ yɛde susuw asɛm yi ho nnɛ?” Sɛ biribi pa bi amfi wo mmɔdenbɔ no mu amma a, kɔ so yɛ adesua no ntiantia wɔ pon ano. Wɔ bere a ɛfata mu no, san bɔ mmɔden sɛ wobɛdan pon ano adesua no ayɛ no wɔ ofie.
6. Atirimpɔw bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn asɛnka adwuma no, na ɔkwan bɛn so na nyansahyɛ a wɔde ama wɔ adesua yi mu no betumi aboa ma yɛadu saa botae no ho?
6 Bere a yɛkɔ so hwehwɛ wɔn a wɔfata no, mommma yɛn werɛ mmfi atirimpɔw a enti yɛreyɛ Bible adesua no. Yɛn botae ne sɛ yɛbɛboa nnipa komapafo ma wɔahyira wɔn ho so abɔ asu sɛ Yehowa asomfo. Ɛmmra sɛ obehyira yɛn mmɔdenbɔ no so bere a yɛde botae a ɛte saa reyɛ ɔsom adwuma no.—2 Tim. 4:5.