Asɛmmisa Afã
◼ So ɛsɛ sɛ ɔbea dawurubɔfo kata ne ti bere a ɔne ɔbarima dawurubɔfo reyɛ Bible adesua wɔ ɔpon ano no?
Sɛ ɔbea a ɔyɛ ɔdawurubɔfo ahyehyɛ Bible adesua na sɛ ɔne Ahenni dawurubɔfo a ɔyɛ barima kɔ hɔ kɔyɛ adesua no a, ɛsɛ sɛ ɔkata ne ti. (1 Kor. 11:3-10) July 15, 2002 Ɔwɛn-Aban no, kratafa 27 kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, ɛno de, ɛyɛ adesua a wɔahyɛ da ahyehyɛ a nea ɔreyɛ no na ɔhwɛ so. Ɛba saa a na adesua no abɛyɛ te sɛ nea yɛyɛ wɔ asafo no mu no. Ɔwɛn-Aban no kae sɛ: “Sɛ Ɔdansefo a ɔyɛ ɔbea a wabɔ asu yɛ adesua wɔ bere a Ɔdansefo barima a wabɔ asu wɔ hɔ a, ɛfata sɛ ɔkata ne ti.” Sɛ wɔyɛ adesua no wɔ fie, ɔpon ano anaa baabi foforo mpo a, ɛsɛ sɛ wɔde akwankyerɛ yi yɛ adwuma.
Nanso sɛ Kristoni bea ne obi bɔ nkɔmmɔ wɔ onii no pon ano na ennya mmɛyɛɛ Bible adesua a, ɛnde ɛho renhia sɛ ɔkata ne ti bere a Ahenni dawurubɔfo barima wɔ hɔ. Sɛ onuawa no rekɔyɛ sankɔhwɛ na sɛ adwene no ne sɛ ɔrekɔkyerɛ ofiewura no sɛnea ɔne no bɛyɛ Bible adesua a, enhia sɛ ɔkata ne ti. Sɛ ɔne no rekosusuw nhoma a yɛde yɛ Bible adesua no bi mpo ho a, ɛrenhia sɛ ɔkata ne ti. Yɛyɛ sankɔhwɛ mpɛn dodow bi ansa na yɛatumi ahyehyɛ Bible adesua wɔ pon ano. Ɛno nti ɛho behia sɛ adawurubɔfo hwɛ tebea biara na wɔatumi ahu bere a ɛsɛ sɛ ɔbea kata ne ti.