Kyerɛ Afoforo Ho Anigye—Denam Ayamye a Wobɛda no Adi So
1 “[Yehowa, NW] yɛ ɔdomfo.” (Dw. 145:8) Ɛmfa ho sɛ Yehowa yɛ Amansan Hene no, sɛ ɔne nnipa a wɔnyɛ pɛ redi nsɛm a, ɔda ayamye, tema, ne obu adi kyerɛ wɔn. (Gen. 13:14; 19:18-21, 29) Yebetumi ama asɛmpa a yɛka no atu mpɔn denam sua a yebesuasua yɛn Nyankopɔn yamyefo no. (Kol. 4:6) Eyi hwehwɛ pii sen sɛ yɛbɛda suban pa adi na yɛde yɛn kasa akyerɛ sɛ yebu ade.
2 Wɔ Afie Afie Mu: Sɛ yɛkɔ ofiewura bi hɔ bere a enye ma no anaa onni adagyew a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yehu tebea no na yɛma yɛn asɛm no yɛ tiaa anaasɛ yetu hyɛ bere foforo. Ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ afoforo katee ma wogye yɛn nhoma no bere a wɔn ani nnye ho. Sɛ yesusuw afoforo ho a ɛbɛka yɛn ma yɛakyerɛ obu ama wɔn agyapade, te sɛ bere a yɛreto pon mu, na yɛbɛtete yɛn mma nso ma wɔayɛ saa. Sɛ afiewuranom nni fie na yɛpɛ sɛ yegyaw nhoma ma wɔn a, ɛnsɛ sɛ yɛde hyɛ baabi a ɛbɛtwetwe nkurɔfo adwene. Nokwarem no, ayamye bɛka yɛn ma yɛne afoforo adi nsɛm sɛnea yɛbɛpɛ sɛ wɔne yɛn di no ara.—Luka 6:31.
3 Mmɔnten so Adansedi: Sɛ yɛredi adanse wɔ mmɔnten so a, ɛsɛ sɛ yɛda suban pa adi na yɛansiw afoforo kwan. Ɛnsɛ sɛ yɛboa yɛn ho ano gyina nkurɔfo sotɔɔ anim nso. Ɛsɛ sɛ yesusuw afoforo tebea ho na yɛne wɔn a wobetumi ama yɛn simma kakraa bi no kasa sen sɛ yɛne wɔn a wɔpɛ ntɛm no mmom bɛkasa. Ɛtɔ mmere bi a, esiane dede a ɛwɔ kwan ho nti, ɛho behia sɛ yɛma yɛn nne so kakraa na ama afoforo ate nea yɛreka no. Nanso ɛsɛ sɛ yɛyɛ eyi wɔ ɔkwan a ɛfata so na yɛantwetwe adwene amma yɛn ho so.—Mat. 12:19.
4 Bere a Yɛredi Adanse wɔ Telefon So: Afoforo ho a yebesusuw no bɛka yɛn ma yɛadi adanse wɔ telefon so wɔ baabi a dede biara nni. Sɛ yɛfrɛ obi na ntɛmpa ara yɛda yɛn ho adi na yɛkyerɛ nea enti a yɛfrɛɛ no no mu a, na yɛreda suban pa adi. Sɛ yeso telefon no mu yiye na yɛde nne a ɛfata kasa a, ɛboa ma yɛne afoforo bɔ kyerɛwsɛm mu nkɔmmɔ a ɛhyɛ nkuran. (1 Kor. 14:8, 9) Sɛ yɛda ayamye adi, susuw afoforo ho, na yɛda obu adi wɔ akwan horow so a, na yɛresuasua Yehowa yɛn Nyankopɔn yamyefo no.