Krataa a Efi Baa Dwumadibea
Ahenni Adawurubɔfo Pa:
Yɛda mo ase paa wɔ sɛnea mokɔ so fi mo yam yi sika de boa ma Ahenni nneɛma nya nkɔso no ho.
Nhoma ne nsɛmma nhoma tintim ne ne kyekyɛ nyinaa gyina mo ntoboa so. Ntoboa yi ara bi na yɛde boa anuanom a atoyerɛnkyɛm to wɔn, ne Ahenni Asa a wɔresisi wɔ ɔman yi mu baabiara no. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ efi afe 2000 reba no, Ahenni Asa Adansi Dwumadibea no aboa asafo ahorow ma wɔasisi Ahenni Asa bɛboro 323, na ɔsram biara wotumi sisi asa foforo awotwe wie.
Mufi koma nyinaa mu reboa adansi adwuma no. Yɛkamfo mo wɔ yɛ a moyɛ adwuma yi bi, aduan a monoa ne sika a muyi de hwɛ adwumayɛfo no ho. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ moapene so ma wɔresisi Ahenni Asa a ɛnkyere so a ɛnyɛ den sɛ mubesiesie, na esiane sɛ ɛho ka nnɔɔso nti ɛbɛma wɔasisi pii ama afoforo.
Asafo dodow no ara fi nokwaredi mu retua wɔn asa foforo no ho ka. Wɔn a wɔwɔ Ahenni Asa no bi dedaw no fi wɔn pɛ mu de sika bɛto foto no mu ɔsram biara sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo betumi anya asa no bi. (2 Kor. 8:14) Yɛkamfo mo nyinaa wɔ ɔkwan pa a monam so reboa yi ho.
Momma yɛnkɔ so mfa ‘yɛn ahonyade nhyɛ Yehowa anuonyam,’ na yemfi yɛn koma nyinaa mu mmoa Ahenni adwuma no.—Mmeb. 3:9.
Mo nuanom,
Ghana Betel