Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Aug. 1
“Mepɛ sɛ mihu w’adwene wɔ asɛm bi a Yesu kae ho. [Kenkan Mateo 5:3.] So wote nka sɛ ɛho hia sɛ obi som Onyankopɔn na ama wanya anigye? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu nea Bible ka wɔ sɛnea yebetumi asom Onyankopɔn yiye no ho.”
Awake! Aug.
“Wususuw sɛ ɛhe na awofo betumi anya afotu a ɛbɛboa wɔn yiye? [Twɛn ma ommua.] Tie bɔhyɛ a ɛwɔ Bible mu yi. [Kenkan 2 Timoteo 3:16.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu sɛnea Bible betumi aboa awofo ma wɔatete mma a wɔwɔ anigye.”
Ɔwɛn-Aban Aug. 15
“Mepɛ sɛ wokyerɛ w’adwene wɔ nea kyerɛwsɛm yi ka ho. [Kenkan Hebrifo 3:4.] So wugye tom sɛ Onyansafo bi na ɔyɛɛ amansan yi? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu sɛ ebia gye a wogye di sɛ obi na ɔyɛɛ nneɛma no ne nyansahu hyia anaa.”
Awake! Aug.
Sɛ wuhyia aberante anaa ababaa bi a, wubetumi aka sɛ: “Nsekudi ama w’atipɛnfo pii di yaw. So obi adi wo ho nseku pɛn? [Twɛn ma ommua.] Sɛ obi di yɛn ho nseku a, Bible ma yɛn afotu pa a ebetumi aboa yɛn. Ɛsan kyerɛ sɛnea yɛn ankasa betumi akwati nsekudi.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 12 no kyerɛ no, na kenkan emu kyerɛw nsɛm biako.