Awake! Soronko a Yɛde Bɛma wɔ November Mu!
1 Nnipa pii fi wɔn komam bisa mfaso a ɛwɔ Bible no so. Wobisa sɛ sɛ nnipa na wɔkyerɛwee a, dɛn nti na yɛfrɛ no Onyankopɔn Asɛm? Dɛn nti na metumi de me ho ato so ma akyerɛ me kwan? Sɛ migye bere kenkan Bible no na misua a, mfaso bɛn na menya? Bible nkyerɛase bɛn na ɛsɛ sɛ mekenkan? Eyi ne nsɛmmisa a wɔabua wɔ Awake! soronko “Can You Trust the Bible?” (Wubetumi de Wo Ho Ato Bible no So?) a ɛbɛba wɔ November mu no bi.
2 Ɛsɛ sɛ yɛkyekyɛ Awake! soronko yi ma nnipa pii wɔ yɛn asasesin mu. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, fa wo ho hyɛ afie afie asɛnka adwuma a mo asafo no bɛyɛ no Memeneda biara wɔ November mu no mu. Fa Awake! soronko yi ma w’abusuafo, w’afipamfo, wo mfɛfo adwumayɛfo, akyerɛkyerɛfo, wo mfɛfo sukuufo, ne wɔn a wokɔ wɔn hɔ sankɔhwɛ no. Sɛ worekodi gua anaa woretu kwan a, fa bi hyɛ wo ho. Mo asafo mu mpanyimfo akra dodow bi aka ho sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya dodow a ɛfata de ama.
3 Fi Bible Adesua Ase: Sɛ wode nsɛmma nhoma no ma a, wubetumi ayɛ Bible adesua ho nhyehyɛe ansa na woawie wo nkɔmmɔbɔ no. Sɛ mfatoho no, wubetumi aka sɛ, “Sɛ meba bere foforo a, mɛpɛ sɛ mɛkyerɛ wo mmuae a Bible de ma wɔ asɛmmisa yi ho, ‘Dɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ asase?’” Sɛ wosan kɔ a, fa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no kratafa 4 kosi 5 kyerɛ ofiewura no, anaa wo ne no nsusuw ti 3 nkyekyɛm 1 kosi 3 ho. Wubetumi aka nso sɛ, “Sɛ meba bere foforo a, mɛpɛ sɛ me ne wo susuw Bible mu nkɔmhyɛ a ɛrenya mmamu nnɛ no ho.” Sɛ wosan kɔ a, fa nhoma no ti 9 kyerɛ ofiewura no, na wo ne no nsusuw nkyekyɛm 1 kosi 3 ho. Anaa wubetumi aka akyerɛ ofiewura no tiawa sɛ: “Ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wɔbɛte nea wɔkenkan fi Bible mu no ase. Sɛ meba bere foforo a, mɛpɛ sɛ mɛkyerɛ wo sɛnea wubetumi ate wo Bible no ase yiye.” Sɛ wosan kɔ a, fa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no kyerɛ no, na kyerɛ no sɛnea yɛyɛ adesua no.
4 Bible no mu nkutoo na “nkyerɛwee kronkron” a ebetumi ama yɛahu ‘nyansa a ɛkɔ nkwagye mu’ no wɔ. (2 Tim. 3:15) Ne saa nti, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa de nsi kyekyɛ Awake! soronko yi de boa nnipa ma wonya Bible no mu ahotoso!