Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/06 kr. 1
  • Awake! Soronko Bi a Yɛde Bɛma wɔ September Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Awake! Soronko Bi a Yɛde Bɛma wɔ September Mu
  • Yɛn Ahenni Som—2006
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Awake! Soronko a Yɛde Bɛma wɔ November Mu!
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Yɛn Nsɛmma Nhoma Ahorow no a Yɛde Bedi Dwuma Afie Afie Mu
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Gyidi a Yɛbɛma Wɔanya wɔ Adesamma Bɔfo No Mu
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • “Asasesin Titiriw”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2006
km 8/06 kr. 1

Awake! Soronko Bi a Yɛde Bɛma wɔ September Mu

1 Ɛkame ayɛ sɛ obiara ani gye nnomaa su ne sɛnea owia tɔ ho. Nanso, nnipa pii nnye ntom sɛ yɛn soro Agya bi a ɔwɔ ɔdɔ na ɔbɔɔ eyinom. Yebenya hokwan titiriw de Awake! soronko bi ama nkurɔfo de adi adanse sɛ Yehowa ne Ɔbɔadeɛ. (Yes. 40:28; 43:10) September Awake! no mu nsɛm nyinaa bɛkyerɛkyerɛ asɛmti a ɛkyerɛ sɛ “So Ɔbɔadeɛ Bi wɔ Hɔ?” mu.

2 Wɔ Asasesin no Mu: Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛ nhyehyɛe na wo ne asafo no nyɛ afie afie asɛnka Memeneda biara. Wubetumi de Awake! soronko no ama bere biara wɔ dapɛn no mu nso. Ɛda adi sɛ akyerɛkyerɛfo ne nhomasua ho adwumayɛfo afoforo ani begye nsɛmma nhoma yi ho kɛse. Enti, mubetumi ayɛ nhyehyɛe titiriw akɔ saafo a wɔwɔ mo asasesin mu no nkyɛn.

3 Sɛ obi kyerɛ ho anigye a, bisa no asɛm bi a sɛ wosan kɔ ne nkyɛn a wubebua. Sɛ nhwɛso no, wubetumi abisa nea enti a Ɔbɔadeɛ a ɔwɔ ɔdɔ no ama kwan ma amanehunu pii kɔ so. Afei, sɛ wosan kɔ ne nkyɛn a, wubetumi de Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ti 1 anaa ti 11 akyerɛ no. Anaasɛ wubetumi abisa asɛm bi afa nea enti a Ɔbɔadeɛ no bɔɔ asase no ho, na moasusuw ti 3 no ho bere a woasan akɔ ne nkyɛn no.

4 Wɔ Sukuu Mu: Sɛ woyɛ sukuuni a, dɛn nti na womfa Awake! soronko yi bi nkyɛ w’akyerɛkyerɛfo ne wo mfɛfo sukuufo? Sɛ wode biako pɛ mpo to wo pon so a, ebetumi ama wɔabisa nsɛm afa yɛn gyidi ho. Eyi betumi ama woanya hokwan de emu nsɛm no adi dwuma bere a worekyerɛkyerɛ wo gyidi mu wɔ sukuu mu ne bere a ɛsɛ sɛ wokyerɛw biribi ho asɛm no. “Mmofra Bisa Sɛ” afa hɔ asɛmti a ɛkyerɛ sɛ “Mɛyɛ Dɛn Akyerɛkyerɛ Nea Minim Wɔ Adebɔ Ho Mu?” no bɛboa wo.

5 Esiane nneɛma a Yehowa abɔ nti, ɛfata sɛ yedi no ni na yɛhyɛ no anuonyam. (Adi. 4:11) Yɛnam September Awake! no a yɛde bɛma afoforo no so betumi ahyɛ Ɔbɔadeɛ no anuonyam na yɛaboa wɔn ma wɔayɛ saa ara.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena