Ntwentwɛn Wo Nan Ase!
1. Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛmfa “yiyeyɛ nkame” afoforo?
1 Esiane sɛ yɛde nsi ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no nti, yɛmfa “yiyeyɛ nkame” wɔn a wɔwɔ yɛn asasesin mu no. (Mmeb. 3:27) Asɛm papa biara nni hɔ a yebetumi aka akyerɛ adesamma sen sɛ yɛbɛka mmere pa a ɛbɛba wɔ Onyankopɔn nniso ase no ho asɛm akyerɛ wɔn. Ɛwom sɛ ebia wode bere pii ka Ahenni anidaso no ho asɛm wɔ bɔnnɔ so anaa woma nhoma pii de, nanso sɛ wonyɛ Bible adesua a, dɛn nti na womfa nyɛ wo botae sɛ wobɛyɛ bi?
2. Dɛn na ebia ɛma yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛyɛ Bible adesua?
2 Ɛtɔ bere bi a, sɛnea yɛte nka wɔ Bible adesuayɛ ho no ne ade titiriw a ɛmma yentumi nyɛ bi. Esiane sɛ ebinom nnye wɔn ho nni anaa wonni adagyew nti, wɔtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛyɛ Bible adesua. Ebia nyansahyɛ a edidi so yi betumi aboa wo ma woayɛ Bible adesua.—Mat. 28:19; Aso. 20:20.
3. Dɛn nti na yɛfata sɛ yɛkyerɛkyerɛ afoforo Bible no?
3 Ahotoso a Obi Nni: Ebia wo nhomasua nkɔ anim anaa biribi nti wunnye wo ho nni sɛ wubetumi ayɛ Bible adesua. Ná Kristofo a wotu mpɔn wɔ afeha a edi kan no mu no yɛ “nnipa a wonsuaa nhoma na wɔyɛ mpapahwekwa.” Dɛn na ɛboaa wɔn ma wɔde nokware no kyerɛkyerɛɛ afoforo? “Na wɔka Yesu ho.” (Aso. 4:13) Wosuasuaa Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse, Yesu, a ne nkyerɛkyerɛ ne ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe ho asɛm wɔ Bible mu no. Sɛ wo nhomasua nkɔ anim mpo a, worenya Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ a ɛsen wiase nhomasua biara.—Yes. 50:4; 2 Kor. 3:5.
4. Dɛn na yebetumi asua afi nea Amos yɛe no mu?
4 Yehowa faa adiyifo so kaa sodifo anaa nnipa a wɔwɔ dibea kɛse a wɔyɛ bɔne no anim wɔ mmere ahorow bi mu. Wɔn mu bi ne Amos, a na ɔyɛ ɔpapahwekwa no. Amos kae sɛ: “Ɛnyɛ odiyifo ne me na ɛnyɛ odiyifo ba ne me; na meyɛ mmoahwɛfo a metew ɔdɔma midi.” (Amos 7:14) Nanso Amos antwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛka Yehowa atemmusɛm akyerɛ ɔsɔfo Amasia a na ɔsom nantwi ba no. (Amos 7:16, 17) Ɛsɛ sɛ yɛkae bere nyinaa sɛ yɛreyɛ Onyankopɔn adwuma na ɔbɛma yɛafata koraa ama adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no.—2 Tim. 3:17.
5. Sɛ yenni adagyew mpo a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden fi Bible adesua ase?
5 Adagyew a Obi Nni: Sɛ wunni adagyew mpo a, ɛda adi sɛ woayi bere bi asi hɔ a wode kɔ asɛnka daa. Bible adesua a wobɛyɛ no yɛ asɛnka adwuma no fã biako a ebetumi ama w’ani agye paa. Ɛyɛ hokwan kɛse sɛ wubehu sɛ Yehowa Asɛm resesa obi asetra. (Heb. 4:12) Sɛ yɛde nneɛma bi bɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛboa obi ma ‘wabenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ’ a, Yehowa ani gye. (1 Tim. 2:4) Sɛ obi sakra fi n’akwammɔne ho na onya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu a, abɔfo no mpo ani gye.—Luka 15:10.
6. Hokwan bɛn na yɛanya de reyɛ Onyankopɔn apɛde?
6 Onyankopɔn ‘pɛ sɛ wogye nnipa ahorow nyinaa ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.’ (1 Tim. 2:4) Hwɛ hokwan ara a yɛanya sɛ yɛreyɛ Onyankopɔn apɛde na yɛntwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛyɛ Bible adesua!