So Wutu Hyɛ Da?
Dɛn na wutu hyɛ da? Sɛ́ wobɛhyehyɛ DPA (akwahosan sohwɛ tumi) krataa a wɔayɛ ama Adansefo a wɔabɔ asu no. Esiane sɛ ‘wunnim nea ɛbɛto wo ɔkyena’ nti, ɛho hia paa sɛ wudi kan hu aduruyɛ ko ne ɔkwan a wopɛ sɛ wɔfa so sa wo yare, bere a ɔyare a emu yɛ den akyere wo mpofirim no, na wokyerɛw to hɔ. (Yak. 4:14; Aso. 15:28, 29) Wɔayɛ Transfusion-Alternative Health Care—Meeting Patient Needs and Rights video no na aboa wo. Hwɛ video no, na fa mpaebɔ ne nsɛmmisa a ɛwɔ ase ha no susuw ho.—Hyɛ no nsow: Esiane sɛ wɔyɛ oprehyɛn kakra wɔ video no mu nti, ɛsɛ sɛ awofo susuw ho sɛ ebia wɔne wɔn mma nkumaa bɛhwɛ anaa.
(1) Dɛn nti na nnuruyɛfo binom asan asusuw mogya a wɔde ma no ho? (2) Fa oprehyɛn a ɛyɛ den a wɔayɛ a wɔamma mogya wom ho nhwɛso abiɛsa ma. (3) Nnuruyɛfo baahe na wɔwɔ wiase nyinaa a wɔakyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔsa ayarefo yare a wɔmma wɔn mogya? Dɛn nti na wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa? (4) Dɛn na nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ ayaresabea nnansa yi ama wɔahu wɔ mogya a wɔde di dwuma no ho? (5) Ayaresa mu ɔhaw ahorow bɛn na ɛwɔ mogya a wɔde ma mu? (6) Nsɛm bɛn na nnuruyɛfo pii aka wɔ mfaso a ɛwɔ nnuru a wɔde si mogya ananmu ho? (7) Dɛn na ɛma obi mogya so tew koraa? Sɛ ɛso tew koraa a, nna ahe na obetumi atra ase? Dɛn na wobetumi ayɛ de aboa ɔyarefo a ne mogya so atew koraa? (8) Dɛn na wobetumi ayɛ na ɔyarefo no atumi anya mogya mu nkwaboaa kɔkɔɔ pii? (9) Akwan bɛn na wɔfa so na amma obi anhwere mogya pii wɔ oprehyɛn mu? (10) So nnuru a wɔde si mogya ananmu betumi aboa mmofra anaa nnipa a wɔyare denneennen no? (11) Ayaresa a ɛyɛ papa ho mmara atitiriw no mu biako ne dɛn? (12) Dɛn nti na ɛho hia sɛ Kristofo di kan paw ayaresa a wɔmma mogya wom? Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?
Ayaresa a wɔka ho asɛm wɔ video no mu no bi yɛ ade a obi ankasa begyina n’ahonim a ɔde Bible atete no so asi ho gyinae. So woasi aduruyɛ a wopɛ ne ɔkwan a wopɛ sɛ wɔfa so sa wo ne wo mma yare ho gyinae? Sɛ wopɛ nsɛm yi mu nkyerɛkyerɛmu yiye a, hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ June 15, 2004, ne October 15, 2000, Ɔwɛn-Aban ne “Gyinae Bɛn na Ɛsɛ sɛ Misi wɔ Mogya mu Nneɛma Nketenkete ne Aduruyɛ mu Akwan a Wɔfa so de M’ankasa Mogya Di Dwuma Wom Ho?” a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ December 2006 Yɛn Ahenni Som mu no. Ɛsɛ sɛ woka gyinae a woasi no ho asɛm kyerɛ w’ayaresa kasamafo ne obusuani biara a ɔnyɛ Ɔdansefo.