Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/08 kr. 1
  • Krataa a Efi Baa Dwumadibea

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Krataa a Efi Baa Dwumadibea
  • Yɛn Ahenni Som—2008
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Krataa a Efi Baa Dwumadibea
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • So Eyi Betumi Ayɛ Adwuma a Eye Ma Wo Sen Biara?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Dɛn na Wɔyɛ Wɔ Baa Dwumadibea?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
  • Anisɔ a Yɛde Bɛhwɛ “Onyankopɔn Fie”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2008
km 9/08 kr. 1

Krataa a Efi Baa Dwumadibea

Ahenni Adawurubɔfo Pa:

Mfe pii a abɛsen kɔ mu no, anuanom pii anya sukuu ahorow a Yehowa, yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini no nam n’ahyehyɛde so ayɛ a ɔde tete asɛmpa no ho adawurubɔfo no so mfaso. (Yes. 48:17, 18) Sɛ nhwɛso no, Teokrase Ɔsom Sukuu ne akenkan ne akyerɛw a wɔyɛ no aboa wɔn a wɔyɛ foforo ne wɔn a na wonnim akenkan anaa akyerɛw no.

Afei nso, Akwampaefo Ɔsom Sukuu, Asomfo Ntetee Sukuu, Ahenni Som Sukuu, ne Ahwɛfo Akwantufo Sukuu no akɔ so de ntetee ama ma asafo ahorow no anya so mfaso. Seesei ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛbɔ mo amanneɛ sɛ wɔafi sukuu foforo bi ase wɔ United States.

Nkaebɔ bi a wɔde too gua, February 4, 2008, wɔ Brooklyn Betel no maa Betel abusua no de anigye bɔɔ wɔn nsam. Nkaebɔ no kenkan sɛ: “Dapɛn awiei a etwaam no, ahwɛfo aguamtrafo fi asafo ahorow a ɛwɔ United States mu baa Betel . . . sɛ wɔrebenya Asafo mu Mpanyimfo Sukuu a edi kan a wɔrebɛyɛ no mu kyɛfa.” Nneɛma a wɔde nnawɔtwe suae wɔ sukuu no mu bi yɛ ahwɛfo aguamtrafo asɛyɛde ahorow a ɛbɛboa wɔn ma wɔayɛ wɔn adwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so.—Aso. 20:28.

Sɛ adesuafo no kɔ sukuu yi a, wɔne Betel abusua no nya fekubɔ, wɔne wɔn bom yɛ daa asɛm no anɔpa biara, na wɔsan ne wɔn kɔ Ɔwɛn-Aban Adesua a wɔyɛ no Dwoda anwummere no. Sukuu no da a etwa to no, United States Betel Boayikuw no muni ne Sodikuw no muni ma ɔkasa titiriw bi kyerɛ sukuufo no. Yɛn ani agye sɛ Yehowa ayɛ saa sukuu yi ho nhyehyɛe, na yɛhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ bi wɔ yɛn man yi mu ha wɔ bere a ɛsɛ mu.

Mo nuanom,

Ghana Betel Adwumayɛbea

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena