Ankorankoro ne Abusua Bible Adesua Ho Hia!
1. Adwene titiriw bɛn na Sodikuw no wɔ wɔ yɛn ho saa bere yi, na dɛn ntia?
1 Sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan no mu no, nnɛ Sodikuw no dwen Yehowa nkurɔfo yiyedi ho paa. (Aso. 15:6, 28) Bere a ahohiahia kɛse no rebɛn no, ɛho hia sɛ Ahenni dawurubɔfo biara hyɛ ɔne Yehowa ntam abusuabɔ mu den. Dɛn na wode bere a na yɛde yɛ Asafo Nhoma Adesua no bɛyɛ? Wɔhyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yɛmfa saa bere yi nyɛ abusua adesua. Sɛ yɛde bere yi di dwuma yiye a, ɛbɛboa yɛn ma yɛadwennwen Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no ho yiye, na yɛanya emu nsɛm a ɛma nkwa no so mfaso.—Dw. 1:1-3; Rom. 11:33, 34.
2. Nhyehyɛe bɛn na yebetumi ayɛ wɔ abusua adesua a wɔyɛ no anwummere ho?
2 Abusua Adesua a Wɔyɛ no Anwummere: Wɔhyɛ mmusua ti nkuran sɛ wonni wɔn asɛyɛde a Yehowa de ahyɛ wɔn nsa no ho dwuma yiye na ama wɔatumi ayɛ abusua Bible adesua a etu mpɔn bere nyinaa. (Deut. 6:6, 7) Anuanom ahokwafo a wonni abusua asɛyɛde biara no betumi de bere yi ayɛ wɔn ankasa Bible adesua ne nhwehwɛmu. Ehia sɛ yɛn nyinaa ‘tɔ bere’ a yɛde besua ade na yɛadwennwen ho sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so ne Yehowa ntam abusuabɔ mu ayɛ den wɔ “nna bɔne” yi mu.—Efe. 5:15, 16.
3, 4. Nyansahyɛ bɛn na wɔde ama wɔ nea yebetumi de ayɛ adesua no ho, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem?
3 Nea Mubetumi Asua: Watch Tower Publications Index anaa Watchtower Library a ɛwɔ CD-ROM so no betumi aboa mo ma moanya nsɛm a mode bɛyɛ Bible adesua ma ayɛ anigye. Mmusua betumi asusuw nsɛm a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban mu te sɛ, “Nea Ɛma Abusua Nya Anigye,” “Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma,” ne “Mmofra Afã” a ɛtaa ba no ho. Afei nso, mubetumi asusuw nsɛm te sɛ “Young People Ask” a ɛtaa ba Awake! mu ne abɔde ho nsɛm a ɛyɛ nwonwa a ɛwom no ho.
4 Bible a mobɛtɔ mo bo ase akenkan no betumi ama abusua no mufo nyinaa akae Onyankopɔn mmara na wɔde abɔ wɔn bra. (Heb. 4:12) Ɛtɔ mmere bi a, mubetumi ahwɛ video a Yehowa ahyehyɛde no ayɛ no na moasusuw ho. Yɛwɔ nneɛma pii a yebetumi agyina so apaw nea yebesua ne ɔkwan a yɛbɛfa so ayɛ adesua no. Dɛn nti na wummisa w’abusua no mufo nea wɔbɛpɛ sɛ musua ne ɔkwan a mobɛfa so ayɛ adesua no?
5. Dɛn nti na ankorankoro ne abusua Bible adesua ho hia paa wɔ yɛn asetra mu nnɛ?
5 Nea Enti a Ɛho Hia Nnɛ: Yɛne Yehowa ntam abusuabɔ a yɛbɛhyɛ mu den no besiesie yɛn ma ‘yɛagyina pintinn ahwɛ Yehowa nkwagye.’ (Ex. 14:13) Awofo hia akwankyerɛ a wɔde bɛtete wɔn mma “wɔ awo ntoatoaso a akonton na akyea” yi mu. (Filip. 2:15) Mmofra hia mmoa a wɔde begyina abrabɔ bɔne a ɛrekɔ so wɔ wɔn sukuu mu nnɛ no ano. (Mmeb. 22:3, 6) Ɛsɛ sɛ awarefo hyɛ wɔne Yehowa ntam “hama a ɛbɔ ho abiɛsa” no mu den. (Ɔsɛnk. 4:12) Ɛnde, momma yɛmfa bere a aka no nni dwuma yiye mfa nhyɛ yɛn ho den wɔ yɛn “gyidi kronkron” no mu!—Yuda 20.