Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban March 1
“Ebetumi ayɛ den paa sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ bere a nkurɔfo hyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ nea ɛnteɛ no. Wususuw sɛ dɛn na ebetumi aboa yɛn na yɛanyɛ nea ɛnteɛ? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Mmebusɛm 29:25.] Nsɛmma nhoma yi ka nneɛma anum a enti ɛsɛ sɛ yesuro Onyankopɔn na yetie no mmom sen nnipa no ho asɛm.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 12 no kyerɛ no.
Awake! March
“Yɛn nyinaa ani gye ho sɛ yebenya nnamfo pa. Su bɛn na w’ani gye ho wɔ w’adamfo ho? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ nea Bible ka wɔ asɛm yi ho no nsow. [Kenkan Mmebusɛm 17:17.] Nyansahyɛ a ɛbɛma yɛapaw nnamfo pa na yɛn nso yɛayɛ nnamfo pa wɔ nsɛmma nhoma yi mu.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 18 no kyerɛ no.
Ɔwɛn-Aban April 1
“Mepɛ sɛ mihu w’adwene wɔ nsɛm a Yesu kae yi ho. [Kenkan Yohane 3:3.] Wususuw sɛ wo a wɔsan wo obi bio no kyerɛ dɛn? [Twɛn ma ommua.] Asɛm a Yesu kae yi ho nimdeɛ a edi mu a yebenya no bɛka yɛn asetena ne yɛn daakye. Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ nea enti a ɛte saa no mu.”
Awake! April
“Ɛte sɛ nea sukuu mmofra pii ahaw. Wususuw sɛ nneɛma asesa nnɛ sen wɔn awofo bere so? [Twɛn ma ommua.] Adwennwen bebrebe betumi asɛe ade. [Kenkan Ɔsɛnkafo 7:7a.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ sɛnea mpanyimfo betumi aboa mmofra ma wɔagyina wɔn haw ano no mu.”