Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
The Watchtower August 1
“Nnipa pii susuw sɛ nnipa pa nyinaa bɛkɔ soro. Saa na wo nso wugye di? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ nea Bible ka fa asase ho no nsow. [Kenkan Dwom 37:11, 29.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu nea Yesu ka faa adesamma daakye wɔ asase yi so no ho.” Ka asɛm a ɛwɔ kratafa 22 no ho asɛm.
Awake! August
“Wunnye nni sɛ ɔwofo wu ka asɛm a sɛ ɛto obi wɔ asetena mu a ɛyɛ yaw paa no ho? [Twɛn ma ommua.] Bible mu nsɛm a akyekye nnipa pii werɛ no bi na ɛwɔ Adiyisɛm 21:4 no. [Kenkan.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ sɛnea mmabun titiriw betumi agyina awerɛhow a etumi bunkam wɔn so no ano.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 10 no kyerɛ no.
The Watchtower September 1
“Nnipa binom ka sɛ sɛ wudi Onyankopɔn nokware a, ɔbɛma woayɛ ɔdefo, nanso sɛ obi di hia a, wɔkyerɛ sɛ Onyankopɔn apo no. Wudwen ho dɛn? [Twɛn ma ommua.] Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, na Yesu nyɛ ɔdefo. [Kenkan Luka 9:58.] Nsɛmma nhoma yi ka nhyira a Onyankopɔn asomfo betumi anya no ho asɛm.”
Awake! September
“Wususuw sɛ ɛnnɛ mmabun hyia nsɛnnennen pii sen kan no? [Twɛn ma ommua.] Nnipa pii susuw sɛ kyerɛwsɛm yi fa yɛn bere yi ho paa. [Kenkan 2 Timoteo 3:1.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu Bible mu afotu a ebetumi aboa awofo ne mmabun.”