Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
The Watchtower June 1
“Nnipa pii gye di sɛ ɔsom ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no yɛ akwan horow a wɔfa so kɔ Onyankopɔn koro no ara hɔ. Wususuw ho dɛn? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ nea Bible ka yi nsow. [Kenkan Yosua 24:15.] Asɛm yi ma yehu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛn ankasa hwehwɛ yɛn som mu sɛ ɛde yɛn rekɔ nokware Nyankopɔn no hɔ anaa.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 12 no kyerɛ no.
Awake! June
“Yɛn nyinaa nim nnipa bi a wɔawuwu. Wususuw sɛ ɛsɛ sɛ yesuro sɛ ebia wɔn mu bi bo befuw yɛn na wɔahaw yɛn? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Ɔsɛnkafo 9:5, 6.] Asɛm yi betumi akyekye wo werɛ paa.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 22 no kyerɛ no.
The Watchtower July 1
“Nnipa pii a wɔwɔ Bible no susuw sɛ sɛ wɔkenkan a wɔrente ase. So woate nka saa pɛn? [Twɛn ma ommua.] Sɛnea kyerɛwsɛm yi kyerɛ no, Nea ɔkyerɛw Bible no pɛ sɛ yɛte ase na yenya n’Asɛm no so mfaso. [Kenkan Dwom 119:130.] Nsɛmma nhoma yi ma yɛn nyansahyɛ abiɛsa a ɛbɛboa yɛn ma yɛate Bible no ase.”
Awake! July
“Ɛnnɛ, nnipa pii wɔ adwenemhaw. Wususuw sɛ wɔn a wɔwɔ adwenemhaw no ho asɛm hia Onyankopɔn? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Dwom 34:18.] Sɛ ɛho hia sɛ nnuruyɛfo hwɛ wɔn a wɔwɔ adwenemhaw no yare mpo a, nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ sɛnea wobetumi anya mmoa afi Onyankopɔn hɔ no mu. Ɛsan ma yehu nea yebetumi aka akyerɛ wɔn de akyekye wɔn werɛ.”