Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
The Watchtower July 1
“Yɛn mu pii wɔ hɔ a yenhu nsɛm a yɛnka bere a owuyare abɔ yɛn adamfo bi no. Wususuw afotu yi ho dɛn? [Kenkan Yakobo 1:19. Afei twɛn ma ommua.] Asɛm yi de nyansahyɛ a mfaso wɔ so a egyina Bible so ma.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 10 no kyerɛ no.
Awake! July
“Nnansa yi wɔtaa hyɛ mmea asɔfo anaa mmea di nneɛma anim wɔ asɔre pii mu. W’adwene yɛ wo dɛn wɔ asɛm yi ho? [Twɛn ma ommua.] Tie nea Bible ka fa mmea ho. [Kenkan 1 Korintofo 14:34.] Nanso, Bible mu asɛm foforo ka sɛ mmea wɔ gyinabea a nidi wom wɔ asafo no mu. Asɛm yi kyerɛkyerɛ mu.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 28 no kyerɛ no.
The Watchtower August 1
“Nnipa pii suro sɛ anhwɛ a nuklea ko anaa wim nsakrae na ɛbɛsɛe asase yi. Wususuw sɛ ebetumi aba saa? [Twɛn ma ommua.] Tie nea Bible no ka wɔ asɛm yi ho. [Kenkan Adiyisɛm 11:18.] Nsɛmma nhoma yi bua nsɛmmisa anan a nkurɔfo taa bisa fa wiase awiei ho no.”
Awake! August
“Ebia wo ne Yehowa Adansefo abɔ nkɔmmɔ pɛn. So woasusuw nea enti a yɛkɔ afie afie mu no ho ɛmfa ho sɛ nnipa pii ani nnye asɛm a yɛka no ho no? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Mateo 24:14.] Yehu sɛ nnipa pii nnim sɛnea yɛte ankasa. Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ nnipa ko a Yehowa Adansefo yɛ mu.”