Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/09 kr. 2
  • Woasiesie Wo Ho sɛ Wobɛkɔ Sukuu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Woasiesie Wo Ho sɛ Wobɛkɔ Sukuu?
  • Yɛn Ahenni Som—2009
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wo Mma Asiesie Wɔn Ho?
    Yɛn Ahenni Som—2011
  • Mmofra—Momfa Mo Sukuukɔ Mu Hokwan Nni Dwuma
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Dɛn Na Wobɛyɛ Wɔ Sukuu Afe Yi?
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Sukuu
    Yɛn Ahenni Som—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2009
km 8/09 kr. 2

Woasiesie Wo Ho sɛ Wobɛkɔ Sukuu?

1. Bere a worebefi sukuu ase yi, hokwan bɛn na wubetumi anya?

1 Sɛ́ Kristoni a woyɛ abofra no, sɛ worefi sukuu ase foforo anaasɛ worefi sukuu afe foforo ase a, wubehyia nsɛnnennen ne ɔhaw pii. Nanso wubenya hokwan foforo nso de ‘adi nokware no ho adanse.’ (Yoh. 18:37) So woasiesie wo ho yiye, na woayɛ krado sɛ wubedi adanse?

2. Akwan bɛn so na woasiesie wo ho ama sukuu?

2 Woanya ntetee pii afi Yehowa, w’awofo, ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma no hɔ a ebetumi aboa wo ma asi wo yiye wɔ asetena mu biribiara mu. (Mmeb. 1:8; 6:20; 23:23-25; Efe. 6:1-4; 2 Tim. 3:16, 17) Akyinnye biara nni ho sɛ ebedu saa bere yi, wunim nsɛnnennen a wubetumi ahyia wɔ sukuu mu. Siesie wo ho sɛ wode Onyankopɔn ho nimdeɛ a wowɔ, ne tebea a wunim sɛ wubehyia wɔ sukuu mu no bedi adanse. (Mmeb. 22:3) Tɔ wo bo ase susuw akwankyerɛ ne Kyerɛwnsɛm mu nyansahyɛ a ɛwɔ Young People Ask po abien no mu ne nsɛm a ɛtete saa a ɛba Awake! mu daa no ho.

3. Akwan bɛn so na wubetumi adi adanse?

3 W’asasesin soronko yi bɛma woanya hokwan pii de adi adanse. Sɛ afoforo hu nhwɛso pa a woyɛ wɔ wo ntadehyɛ ne w‘ahosiesie, wo nneyɛe ne wo kasa mu, sɛnea wubu akyerɛkyerɛfo ne wo mfɛfo sukuufo, ne sɛnea wobɔ mmɔden wɔ sɔhwɛ mu no na wohu sɛ wowɔ nnyinaso pa wɔ asetena mu a, ebia wɔn mu binom bebisa sɛ, “Dɛn nti koraa na woda nsow saa?” (Mal. 3:18; Yoh. 15:19) Wubetumi anya hokwan adi adanse na woakyerɛkyerɛ wo gyidi mu akyerɛ wɔn. (1 Tim. 2:9, 10) Ɛda adi sɛ wubehyia nsɛnnennen te sɛ nea ɛfa ɔmampɛ ho guasodeyɛ ne nnapɔnna ho wɔ afe mũ no nyinaa mu. Sɛ wobisa wo nea enti a womfa wo ho nhyɛ mu a, so wobɛka sɛ, “Etia me som; Meyɛ Yehowa Dansefo,” anaasɛ wode hokwan no bedi w’Agya a ɔwɔ ɔdɔ, Yehowa, ho adanse? Ɛdenam Yehowa akwankyerɛ so no, sɛ wusiesie wo ho yiye a, wubetumi adi akyerɛkyerɛfo, mfɛfo sukuufo, ne afoforo adanse a etu mpɔn.—1 Pet. 3:15.

4. Dɛn nti na wowɔ ahotoso sɛ ebesi wo yiye wɔ sukuu a wobɛkɔ no mu?

4 Ebia sukuu a worekɔ no ama ehu aka wo kakra de, nanso hu sɛ wo nuanom pii taa w’akyi na wɔpɛ sɛ esi wo yiye wɔ sukuu mu. Bio nso, yɛn ani agye sɛ wubenya hokwan adi afoforo adanse wɔ w’asasesin soronko yi mu. Enti nya akokoduru na siesie wo ho kɔ sukuu!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena