So Wo Mma Asiesie Wɔn Ho?
1. Dɛn nti na ɛho hia sɛ sukuufo siesie wɔn ho?
1 Ɛrenkyɛ koraa na yɛahyɛn sukuu afe foforo mu. Akyinnye biara nni ho sɛ wo mma behyia nsɛnnennen ne nhyɛso afoforo. Wobenya hokwan nso de adi “nokware no ho adanse.” (Yoh. 18:37) So wɔasiesie wɔn ho?
2. Sɛ wo mma betumi asiesie wɔn ho yiye a, dɛn na ɛsɛ sɛ wohu?
2 So wo mma nim nea ɔmampɛ ho guasodeyɛ ne abosonsomfo nnapɔnna ahorow no kyerɛ ankasa, ne nea enti a ɛyɛ mfomso sɛ wɔde wɔn ho behyem no? Wɔasiesie wɔn ho sɛ wobegyina nhyɛso a wɔde bɛba wɔn so sɛ wɔnkɔ sukuu nkɔ akyiri, wɔne mmea anaa mmarima mpue, wɔnnom mmosã, anaa nnubɔne no ano? So wɔbɛka kɛkɛ sɛ wɔn som kasa tia nneɛma a ɛmfata, anaasɛ wobetumi akyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu?—1 Pet. 3:15.
3. Ɔkwan bɛn so na awofo betumi de Abusua Som a wɔyɛ no anwummere no asiesie wɔn mma?
3 Fa Abusua Som a Wɔyɛ no Anwummere no Di Dwuma: Nokwarem no, ɛda adi sɛ wobɛkɔ so ne wo mma asusuw nsɛnnennen foforo biara a wobehyia bere a wɔda so kɔ sukuu no ho. Sɛ wobɔ mmɔden ne wo mma bɔ nneɛma a wobehyia wɔ sukuu mu ho nkɔmmɔ ansa na wɔabue sukuu a, ɛbɛma wɔanya ahotoso. Dɛn nti na womfa Abusua Som a moyɛ no anwummere no mu biako anaa nea ɛboro saa nni eyi ho dwuma? Wubetumi abisa wo mma no nneɛma a ɛhaw wɔn kɛse bere a wɔresan akɔ sukuu no. Seesei a mmofra no anyinyin na wɔanya nneɛma ho ntease pii no, mubetumi asan asusuw nneɛma a moasua ho ade pɛn no ho bio. (Dw. 119:95) Wubetumi nso ayɛ wo ho te sɛ ɔkyerɛkyerɛfo, ofotufo, anaa yɔnko sukuuni na woama wabobɔ nsɛm a obetumi aka akyerɛ wɔn no so akyerɛ wo. Kyerɛ wo mma no ma wonhu ɔkwan a wɔbɛfa so de Bible no ne nnwinnade bi te sɛ Reasoning ne Young People Ask nhoma no adi dwuma. Nea ɔwofo bi yɛ de boa ne mma ne sɛ sɛ sukuu afe foforo rebefi ase a, ɔne wɔn bobɔ nsɛm so ma wohu nea wɔbɛka de ada wɔn ho adi ama wɔn akyerɛkyerɛfo foforo ahu sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo.—Hwɛ Ɔwɛn-Aban, December 15, 2010, kratafa 3-5.
4. Dɛn na awofo a wɔn ani da hɔ bɛyɛ?
4 Nsɛnnennen a ɛsɛ sɛ Kristofo mmabun gyina ano wɔ nna a edi akyiri yi mu no mu ‘reyɛ den’ paa. (2 Tim. 3:1) Awofo a wɔn ani da hɔ betumi de wɔn adwene abu tebea a ebetumi asɔre na wɔasiesie wɔn ma wɔatumi adi so. (Mmeb. 22:3) Ansa na wobefi sukuu afe foforo ase no, yɛ nea wubetumi nyinaa fa boa wo mma ma wonsiesie wɔn ho.