Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/10 kr. 2
  • “Bra Bedi M’akyi”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Bra Bedi M’akyi”
  • Yɛn Ahenni Som—2010
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Bra Bedi M’akyi”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • “Eyi Nti Na Wɔsomaa Me”
    “Bra Bedi M’akyi”
  • Woreyɛ Wo Som Adwuma No Pɛpɛɛpɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • “Bedi M’akyi”—Dɛn Na Na Yesu Pɛ Sɛ Ɔkyerɛ?
    “Bra Bedi M’akyi”
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2010
km 2/10 kr. 2

“Bra Bedi M’akyi”

1. Hokwan bɛn na Asafo Bible Adesua bɛma yɛanya wɔ asram a edi yɛn anim no mu?

1 Yesu asase so asetena ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Nsɛmpa anan no mu no ma yehu sɛnea Onyankopɔn Ba no te ankasa. Esiane sɛ ɛyɛ Kristofo asɛde sɛ ‘wodi n’anammɔn akyi pɛɛ’ nti, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho yiye na yɛyɛ aso tie bere a yɛresua “Bra Bedi M’akyi” nhoma no wɔ Asafo Bible Adesua ase fi March 1 no. (1 Pet. 2:21; Mar. 10:21) Yesu asetena kwan a yebesusuw ho yiye no betumi ahyɛ yɛn den wɔ yɛn som mu.

2. Ɔkwan bɛn so na Yesu boasetɔ ho nhwɛso no betumi aboa yɛn?

2 Nhwɛso a Yesu Yɛe: So woahyia wɔn a wɔn ani nnye asɛm no ho wɔ afie afie asɛnka adwuma no mu pɛn? Sɛ yehyia akwanside a ɛte saa a, ɛsɛ sɛ yɛma Yesu asɛm yi tena yɛn adwenem: “Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso.” (Yoh. 15:20) Nokwarem no, sɛ nkurɔfo antie asɛm no a, ɛno nkyerɛ sɛ wɔretaa yɛn. Na sɛ ɛyɛ ɔtaa mpo a, anigye a na ɛda Yesu anim no na ɛboaa no ma ogyinaa sɔhwɛ ne ɔtaa biara a ohyiae ano. Yɛn nso, yebetumi de yɛn ani asi Yehowa anim dom a yebenya ne akatua a ɔde bɛma n’anokwafo no so. Eyi bɛboa yɛn na ‘yɛammrɛ, na yɛampa abaw’ nso. (Heb. 12:2, 3; Mmeb. 27:11) Sɛ yɛbɔ mmɔden wɔ yɛn som adwuma no mu a, yebetumi anya awerɛhyem nso sɛ Yesu Kristo taa yɛn akyi.—Mat. 28:20.

3. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ asɛnka adwuma no sɛnea Yesu yɛe no?

3 “Eyi Nti na Wɔsomaa Me”: Ná Ahenni asɛnka adwuma no ne ade titiriw wɔ Yesu asetena mu. (Luka 4:43) Ɔde ne bere nyinaa yɛɛ asɛnka adwuma no. Obuu adwuma no sɛ egye ntɛmpɛ, na bere nyinaa ɔhwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so aka Ahenni no ho asɛm. Sɛ́ Yesu akyidifo no, yedi n’anammɔn akyi kodu he? Wɔ yɛn da biara da asetena mu no, so yehu nkurɔfo a yebetumi aka asɛmpa no akyerɛ wɔn? Ɛmmra sɛ yɛbɛma Kristo dɔ no aka yɛn ma yɛaka asɛmpa no wɔ mmaa nyinaa!—2 Kor. 5:14.

4. Dɛn na yebetumi ayɛ ama yɛn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn?

4 “Obiara Nkasae Saa Da”: Ɔkwan a na Yesu fa so kyerɛkyerɛ no yɛɛ n’atiefo nwonwa. (Yoh. 7:46; Mat. 7:28, 29) Dɛn na ɛma ɔyɛɛ soronko wɔ akyerɛkyerɛfo afoforo ho? Ná n’ani gye nokware a ɔkyerɛkyerɛ no ho, na ɔdɔ nnipa a ɔkyerɛkyerɛ wɔn no, afei nso ɔfaa akwan horow so kyerɛkyerɛe. Sɛ yesuasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no a, yɛn nkyerɛkyerɛ betumi atu mpɔn.—Luka 6:40.

5. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn botae bere a yɛresua “Bra Bedi M’akyi” nhoma no?

5 Eyinom yɛ nsɛm atitiriw kakra a wɔada no adi wɔ Yesu asetena ho. Nneɛma atitiriw bɛn bio na wubetumi ahu? Sɛ yɛresua Yesu asetena ho nsɛm wɔ Asafo Bible Adesua ase a, fa yɛ wo botae sɛ ‘wubehu Kristo dɔ’ denam ne nsɛm ne ne nneyɛe a wubesuasua no so.—Efe. 3:19.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena