Nhyehyɛe ma Dapɛn a Efi Ase February 22
DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 22
Dwom 191
□ Asafo Bible Adesua:
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Atemmufo 19-21
Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu
□ Ɔsom Nhyiam:
Dwom 190
5 min: Nkaebɔ. Twe adwene si nea edi so yi so na ka ho asɛm tiawa: “Woayɛ Krado sɛ Wobɛto Dwom Ama Yehowa wɔ Yɛn Nhyiam Ase?” Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa nnwom nhoma foforo no mmra adesua ase dapɛn a efi ase March 29.
10 min: Nhoma a Yɛde Bɛma wɔ March Mu. Bisa adawurubɔfo baanu ma wɔnka nhoma a yɛde bɛma ɔsram no mu no afã horow ne ɔkwan a etu mpɔn a wobetumi afa so de ama wɔ asasesin no mu ho asɛm. Ma wɔn mu biara nyɛ ɔkwan a ɔbɛfa so de nhoma no ama anaa osuahu a wonyae a ɛkyerɛ sɛnea wɔde nhoma no fi Bible adesua ase ho ɔyɛkyerɛ.
10 min: Nsɛm a Wosusuw Ho Hyɛ Nkurɔfo Nkuran Ma Wotie Asɛm No. Ɔkasa a egyina Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 251 kosi kratafa 253, nkyekyɛm 2 so.
10 min: Anigyefo a Wobɛkyerɛ Wɔn Kwan Aba Yehowa Ahyehyɛde no Mu. Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina asɛmti ketewa a ɛwɔ Nhyehyɛe nhoma no kratafa 99 kosi kratafa 100 nkyekyɛm 1 so. Bisa atiefo ma wɔnka akwan ahorow a wɔafa so akyerɛ anigyefo kwan aba Yehowa ahyehyɛde no mu ho asɛm. Bisa ɔdawurubɔfo bi nsɛm ma ɔnkyerɛ sɛnea ne Bible kyerɛkyerɛfo nam eyi so boaa no.
Dwom 127