“Nsuro”
1. Te sɛ Yeremia no, nsɛnnennen bɛn na yebetumi ahyia?
1 Bere a wɔhyɛɛ Yeremia sɛ odiyifo no, na ɔte nka sɛ ɔmfata. Nanso, Yehowa maa no awerɛhyem sɛ mma ‘onsuro,’ na ɔhyɛɛ no den ma otumi wiee n’adwuma no. (Yer. 1:6-10) Wɔ yɛn bere yi mu nso, fɛre anaa ahotoso a ebinom nni no tumi ka sɛnea wɔyɛ ɔsom adwuma no. Ɛtɔ mmere bi a, sɛnea nnipa bi yɛ wɔn ade anaa adwene a wɔwɔ wɔ yɛn ho no betumi ama ayɛ den sɛ yebedi adanse. Yɛbɛyɛ dɛn adi ehu a ɛte saa so, na nhyira bɛn na ebefi mu aba?
2. Sɛ yesiesie yɛn ho yiye ma asɛnka a, ɔkwan bɛn so na ɛremma ehu nnka yɛn pii?
2 Di Kan Siesie Wo Ho: Sɛ yesiesie yɛn ho yiye ma asɛnka a, ɛremma ehu nnka yɛn pii. Sɛ nhwɛso no, sɛ yedi kan susuw asɛm a nkurɔfo taa ka de siw nkɔmmɔbɔ kwan ho a, yebetumi asiesie nsɛm a yɛbɛka akyerɛ wɔn. (Mmeb. 15:28) Dɛn nti na mommfa Abusua Som bere no bi nsiesie mo ho mma nsɛnnennen a mubetumi ahyia wɔ sukuu ne ɔsom adwuma no mu?—1 Pet. 3:15.
3. Ɔkwan bɛn so na Yehowa mu ahotoso boa ma yedi ehu so?
3 Fa Wo Ho To Yehowa So: Sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so a, ɛboa ma yedi ehu so. Yehowa hyɛ bɔ sɛ ɔbɛboa yɛn. (Yes. 41:10-13) Awerɛhyem bɛn na ɛsen eyi? Bio nso, Yesu maa yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ yehyia tebea bi a yɛnhwɛ kwan a, Onyankopɔn honhom kronkron bɛboa ma yɛadi adanse wɔ ɔkwan a ɛfata so. (Mar. 13:11) Enti, srɛ Yehowa daa ma ɔmfa ne honhom kronkron mmoa wo.—Luka 11:13.
4. Sɛ yɛkɔ so yɛ asɛnka adwuma no ɛmfa ho nsɛnnennen a yehyia a, nhyira bɛn na yenya?
4 Nhyira Ahorow: Sɛ yɛkɔ so yɛ asɛnka adwuma no ɛmfa ho nsɛnnennen a yehyia a, ɛbɛhyɛ yɛn den ma yɛatumi agyina sɔhwɛ afoforo a yebehyia daakye no ano. Ɛma yɛn akokoduru na yɛyɛ nam—eyinom yɛ su ahorow a honhom kronkron ma yenya. (Aso. 4:31) Bio nso, bere a Yehowa boa ma yedi ehu so no, ɛhyɛ yɛn gyidi den, na yenya ne basa a egye nkwa no mu ahotoso. (Yes. 33:2) Yɛsan nso nya anigye ne abotɔyam, efisɛ yenim sɛ yɛreyɛ nea ɛsɔ yɛn soro Agya no ani. (1 Pet. 4:13, 14) Ɛnde, ɛsɛ sɛ yɛde akokoduru ka Ahenni asɛm no a yensuro, efisɛ yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa taa yɛn akyi bere nyinaa!