Nsɛm a Yebetumi Aka
De afi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ September mu
“Nnipa pii gye di sɛ da bi bɛba a Onyankopɔn bɛhwɛ wɔn nneyɛe ho abu wɔn atɛn. Wususuw sɛ Atemmuda yɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan anaasɛ yesuro? [Twɛn ma ommua.] Hwɛ asɛm a wɔaka wɔ ha yi.” Fa September 1 Ɔwɛn-Aban no ma ofiewura no, na munsusuw asɛm a ɛwɔ asɛmti ketewa a edi kan wɔ kratafa 16 ase, ne anyɛ yiye koraa no kyerɛw nsɛm a ɛwom no mu biako ho. Gyaw nsɛmma nhoma no ma no na yɛ nhyehyɛe san kɔsra no na munsusuw asɛmmisa a edi hɔ no ho.
The Watchtower September 1
“Wɔ aman pii so no, wobu mmea animtiaa na wɔyɛ wɔn ayayade nso. Awerɛhosɛm ne sɛ, nyamesom mu gyidi ka ho bi na ama aba saa. Wususuw sɛ Onyankopɔn dwen mmea ho ankasa? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ nea Bible ka kyerɛ okununom wɔ sɛnea wɔne wɔn yerenom nni nsow. [Kenkan Efesofo 5:28, 29.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu nea Bible ka wɔ adwene a Onyankopɔn kura wɔ mmea ho no ho.”
Awake! September
“Nnipa pii ka sɛ da koro, ebia nuklea ɔko anaa atoyerɛnkyɛm bi a okyinnsoromma ketewa bi bɛma aba, anaa wim nsakrae a ɛbɛba wiase nyinaa no bɛtɔre biribiara ase wɔ asase so. Wususuw sɛ ɔsɛe a ɛte saa a wɔka sɛ ɛbɛba no yɛ nokware anaa ɛyɛ bɔsrɛmka kɛkɛ? [Twɛn ma ommua.] Bible de awerɛkyekyesɛm yi ahyɛ yɛn bɔ. [Kenkan Dwom 37:29.] Nsɛmma nhoma yi ka ɔsɛe ahorow bi a nkurɔfo kae sɛ ɛbɛba, ne nea Bible aka sɛ ɛbɛba daakye a ntease wom ho asɛm.”