Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/12 kr. 1
  • “Mo Ne Nnipa Nyinaa Ntena Asomdwoe Mu”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Mo Ne Nnipa Nyinaa Ntena Asomdwoe Mu”
  • Yɛn Ahenni Som—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu​—Sɛnea Yɛbɛbua Ofiewura a Ne Bo Afu
    Yɛn Ahenni Som—2015
  • Akokoduru a Yɛde Ka Asɛm no Asomdwoe Mu
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Boa Ofiewura no Ma Onsusuw Nsɛm Ho
    Yɛn Ahenni Som—2011
  • Momma Yennya Tema Mma Yɛn Atiefo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2012
km 12/12 kr. 1

“Mo Ne Nnipa Nyinaa Ntena Asomdwoe Mu”

1. Sɛ yehyia afiewuranom a wɔn bo afuw a, Bible afotu bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma?

1 Yehowa nkurɔfo pɛ asomdwoe, na yɛn asɛnka no yɛ asomdwoe adwuma. (Yes. 52:7) Nanso ɛtɔ mmere bi a, yehyia nkurɔfo a wɔn bo fuw yɛn sɛ yɛaba wɔn fie. Sɛ yehyia tebea a ɛte saa a, dɛn na ɛbɛboa ma yɛada no adi sɛ yɛpɛ asomdwoe?—Rom. 12:18.

2. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yenya nhumu?

2 Nya Nhumu: Ɛwom sɛ nokware no a ebinom mpɛ no ma wɔn bo fuw de, nanso ebia ɛnyɛ asɛm a yɛka no na ɛma afoforo bo fuw. Ebia yɛankɔ wɔn nkyɛn wɔ bere pa mu. Ɛbɛyɛ sɛ ofiewura no ankasa haw ahorow bi nti na ne bo afuw. Na sɛ ɛyɛ asɛmpa a yɛka no na ama ne bo afuw mpo a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ebetumi aba sɛ wɔadaadaa no nti na ɔyɛ n’ade saa no. (2 Kor. 4:4) Nhumu bɛboa ma yɛayɛ komm na yɛafa no sɛ ɛnyɛ yɛn nti na ne bo afuw.—Mmeb. 19:11.

3. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yebu ofiewura no?

3 Da Obu Adi: Asasesin no mu nnipa pii wɔ gyidi ahorow a adi wɔn ti. (2 Kor. 10:4) Wɔwɔ hokwan sɛ wɔpaw sɛ wobetie asɛm no anaasɛ wɔrentie. Yɛmpɛ sɛ yebebu ofiewura bi gyidi animtiaa anaa yɛbɛyɛ biribi de akyerɛ sɛ onni nimdeɛ te sɛ yɛn. Sɛ wɔka sɛ yemfi hɔ nkɔ a, ɛsɛ sɛ yefi hɔ kɔ bɔkɔɔ.

4. Dɛn na yɛn kasa a yɛbɛma ho aba nyam no kyerɛ?

4 Ma Wo Kasa Ho Mmra Nyam: Sɛ wɔyaw yɛn mpo a, ɛsɛ sɛ yefi odwo mu ma wɔn mmuae na yɛma yɛn kasa ho ba nyam. (Kol. 4:6; 1 Pet. 2:23) Sɛ́ anka yɛne wɔn begye akyinnye no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden ka biribi a yɛne wɔn adwene hyia wɔ ho. Ebia yebetumi de odwo abisa ofiewura no nea enti a ɔmpɛ sɛ otie yɛn no. Nanso nea ɛbɛyɛ na yɛankɔ so anhyɛ no abufuw no, ɛtɔ mmere bi a ɛyɛ papa sɛ yɛbɔ mmɔden atwa nkɔmmɔbɔ no so.—Mmeb. 9:7; 17:14.

5. Sɛ yɛda no adi wɔ asɛnka mu sɛ yɛpɛ asomdwoe a, mfaso bɛn na efi mu ba?

5 Sɛ yɛda no adi sɛ yɛpɛ asomdwoe a, ebia ofiewura no bɛkae sɛnea yɛyɛɛ yɛn ade no na obetie asɛm no bere foforo a obi pɛ sɛ odi no adanse no. (Rom. 12:20, 21) Sɛ ɛte sɛ nea ɔkɔ so sɔre tia yɛn mpo a, obetumi abɛyɛ yɛn nua da bi. (Gal. 1:13, 14) Sɛ́ ebia ɔbɛkyerɛ nokware no ho anigye daakye anaa sɛ ɔrenyɛ saa no, sɛ yɛkɔ so nya ahosodi na yɛda no adi sɛ yɛpɛ asomdwoe a, yɛbɛkɔ so adi Yehowa ni na yɛahyɛ yɛn nkyerɛkyerɛ anuonyam.—2 Kor. 6:3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena