Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/06 kr. 1
  • Akokoduru a Yɛde Ka Asɛm no Asomdwoe Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Akokoduru a Yɛde Ka Asɛm no Asomdwoe Mu
  • Yɛn Ahenni Som—2006
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Mo Ne Nnipa Nyinaa Ntena Asomdwoe Mu”
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • ‘Monhwehwɛ Asomdwoe Na Munni Akyi’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Anifere Kwan So
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • So Wode Akokoduru Ka Asɛm No?
    Yɛn Ahenni Som—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2006
km 11/06 kr. 1

Akokoduru a Yɛde Ka Asɛm no Asomdwoe Mu

1 Nnipa pii a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn no ka wɔn som mu gyidi ho asɛm a wosusuw sɛ ɛyɛ nokware, nanso ɛne Bible no nhyia. Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ yɛde akokoduru ka asɛm no de, nanso yɛpɛ sɛ yɛne ‘nnipa nyinaa tra asomdwoe mu’ na yɛanka asɛm a ɛbɛhaw wɔn. (Rom. 12:18; Aso. 4:29) Yɛbɛyɛ dɛn de akokoduru aka Ahenni asɛm no asomdwoe mu?

2 Yɛnhwehwɛ Nsɛm a Yɛne Wɔn Adwene Hyia wɔ Ho: Obi a ɔpɛ asomdwoe nnye akyinnye. Ofiewura bi som mu gyidi a okura mu denneennen a yɛbɛbɔ agu kɛkɛ no remma ontie yɛn. Sɛ ɔka asɛm bi a ɛnteɛ a, yebetumi afa anifere kwan so aka asɛm foforo a yɛne n’adwene behyia wɔ ho. Sɛ yesi nsɛm a yɛne n’adwene hyia wɔ ho so dua a, ebia ɛbɛma wayi yɛn ho adwemmɔne biara a ɔwɔ afi ne tirim na watie yɛn.

3 Sɛ yebu yɛn ani gu ofiewura bi asɛm a ɛnteɛ so a, so ɛkyerɛ sɛ yɛne no yɛ adwene anaa yɛrefoa atoro nkyerɛkyerɛ so? Dabi. Sɛ́ Kristofo asomfo no, yɛn adwuma ne sɛ yɛbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa akyerɛ, na ɛnyɛ sɛ yɛbɛbɔ adwene a ɛnteɛ biara agu. (Mat. 24:14) Sɛ obi ka asɛm a ɛnteɛ a, sɛ́ anka yɛbɛyɛ ade ma atra so no, yebetumi abu no sɛ hokwan a yɛbɛfa so ahu onipa no adwene.—Mmeb. 16:23.

4 Yenni Ofiewura no Ni: Ɛtɔ da bi a, ɛsɛ sɛ yɛde akokoduru bɔ atoro nkyerɛkyerɛ gu. Nanso, sɛ́ nnipa a yɛpɛ asomdwoe no, yɛrenni afoforo ho fɛw na saa ara nso na yɛremfa din a ɛmfata mfrɛ wɔn a wɔkyerɛkyerɛ atosɛm ne wɔn a wogye tom no. Sɛ yɛyɛ yɛn ho sɛ yenim dodo sen afoforo a, ɛbɛpam wɔn afi yɛn ho, nanso sɛ yɛda ahobrɛase ne ayamye adi a, ɛbɛma wɔn a wɔpɛ nokware no atie yɛn. Sɛ yɛda obu adi kyerɛ wɔn a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn no na yɛankasa antia wɔn gyidi a, na yɛredi wɔn ni, na ɛbɛma ayɛ mmerɛw sɛ wobetie yɛn asɛm no.

5 Ɔsomafo Paulo susuw wɔn a ɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn no gyidi ho, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛka asɛm no wɔ ɔkwan bi a ɛbɛma wɔatie no so. (Aso. 17:22-31) Ofi ne pɛ mu yɛɛ ‘biribiara maa nnipa ahorow nyinaa’ na ‘ɛyɛ dɛn ara a, wagye ebinom nkwa.’ (1 Kor. 9:22) Sɛ yɛde akokoduru ka asɛmpa no asomdwoe mu a, yɛn nso yebetumi ayɛ saa ara.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena