“Di Adanse Fefeefe”
1. Nhwɛso pa bɛn na ɔsomafo Paulo yɛe wɔ asɛnka adwuma no mu?
1 “Yɛ wo som adwuma no fefeefe.” (2 Tim. 4:5, Byington) Ɛda adi sɛ na ɔsomafo Paulo betumi afi ahonim pa mu de afotu yi ama Timoteo. Nokwarem no, wɔ afe 47 ne afe 56 Y.B. ntam no, Paulo tuu kwan mprɛnsa kɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma. Asomafo Nnwuma no ka sɛnea Paulo dii “adanse fefeefe” no ho asɛm mpɛn pii. (Aso. 23:11; 28:23) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa wɔ yɛn bere yi mu?
2. Yɛbɛyɛ dɛn atumi adi adanse fefeefe bere a yɛreka asɛm no wɔ afie afie no?
2 Afie Afie: Bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkɔ afiewuranom a wɔntee asɛmpa no da nkyɛn no, ebia ɛho behia sɛ yɛsakra bere a yɛkɔ wɔn nkyɛn wɔ da no mu no. Sɛ yɛkɔ asɛnka anwummere anaa dapɛn no awiei a, ebia yɛbɛto ɔbarima a ɔwɔ fie hɔ no. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛne obi bɛkasa wɔ ofie biara mu, na yɛsan kɔ afie a yɛnto nnipa wom no mu mpɛn pii. Nanso sɛ woyɛ nea wubetumi nyinaa na woanto obi wɔ ofie hɔ nso ɛ? Sɛ wokyerɛw krataa anaa wofrɛ no wɔ telefon so a, ebia biribi pa bi befi mu aba.
3. Hokwan ahorow bɛn na wowɔ a ɛbɛma woadi adanse wɔ baguam ne bɔnnɔ so?
3 Baguam ne Bɔnnɔ So: Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ka “nyansa” ho asɛm kyerɛ wɔn a wobetie nyinaa. Ɛtɔ bere bi a wɔyɛ saa wɔ “mmorɔn” ne “mmɔnten” so. (Mmeb. 1:20, 21) So yɛma ɛtena yɛn adwenem sɛ yebedi nkurɔfo adanse bere a yɛreyɛ yɛn da biara da nnwuma no? So yebetumi aka sɛ yɛde yɛn ‘bere nyinaa ka asɛm no’? (Aso. 18:5) Sɛ yɛreyɛ saa a, ɛnde na yɛredi ahyɛde a wɔde ama yɛn sɛ ‘yenni adanse fefeefe’ no so.—Aso. 10:42; 17:17; 20:20, 21, 24.
4. Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ ne nsɛm a yedwinnwen ho boa ma yedi adanse fefeefe?
4 Nanso ɛtɔ bere bi a, esiane yɛn ankasa mmerɛwyɛ anaa fɛre nti, ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebedi adanse. Nokwarem no, Yehowa nim yɛn sintɔ ahorow. (Dw. 103:14) Enti wɔ mmere a ɛte saa mu no, yebetumi abɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma yɛn akokoduru a yɛde bɛkasa. (Aso. 4:29, 31) Afei nso, sɛ yɛn ankasa yɛresua ade na yɛredwinnwen Onyankopɔn Asɛm ho a, yebetumi de yɛn adwene asi sɛnea yɛbɛma anisɔ a yɛwɔ ma asɛmpa a ɛsom bo no ayɛ kɛse no so. (Filip. 3:8) Eyi bɛkanyan yɛn ma yɛde nnamyɛ aka asɛmpa no akyerɛ afoforo!
5. Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa ma Yoel nkɔmhyɛ no anya mmamu?
5 Yoel nkɔmhyɛ no ka siei sɛ ansa na Yehowa da a ɛyɛ hu no bɛba no, Onyankopɔn nkurɔfo bɛkɔ wɔn anim a wɔremma biribiara nsiw wɔn kwan sɛ wɔbɛka asɛm no akyerɛ afoforo. (Yoel 2:2, 7-9) Momma yɛnyɛ nea yebetumi nyinaa wɔ adansedi adwuma a wɔrenyɛ bio da no mu!