Nsɛm a Yebetumi Aka
De afi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ May mu
“Ade biako a ɛwɔ nnipa ho ne sɛ, yɛn nyinaa di mfomso. So woasusuw ho pɛn sɛ Onyankopɔn betumi de bɔne a ɛso paa akyɛ?” [Twɛn ma ommua.] Fa asɛm a ɛwɔ May 1, Ɔwɛn-Aban no kratafa 15 kyerɛ no, na munsusuw asɛm a ɛwɔ asɛmmisa a edi kan no ase ne anyɛ yiye koraa no emu kyerɛw nsɛm no mu biako ho. Fa nsɛmma nhoma no ma no, na yɛ nhyehyɛe san kɔsra no na munsusuw asɛmmisa a edi hɔ no ho.
The Watchtower May 1
“Yɛpɛ sɛ yehu w’adwene wɔ asɛm yi ho. [Kenkan 1 Yohane 4:8.] Nnipa pii gye asɛm yi tom, nanso ebinom susuw sɛ Onyankopɔn tirim yɛ den, ɛno nti na ɔma atoyerɛnkyɛm si anaa ɔma kwan ma esi no. Wususuw ho dɛn? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi de nea enti a ɛnsɛ sɛ yebu Onyankopɔn sɛ ne tirim yɛ den no ho nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom ma.”
Awake! May
“Yɛne yɛn nnamfo resusuw asɛm bi a ɛhaw adwene paa ho, ɛfa nsɛmmɔnedi ho. Ebinom adwene ne sɛ ɔkwampa a wobetumi afa so asiw nsɛmmɔnedi ano ne sɛ wobenya polisifo pii. Wo nso wudwen ho dɛn? [Twɛn ma ommua.] Wunim sɛ Bible ka sɛ nsɛmmɔnedi bɛba awiei? [Kenkan Dwom 37:10, 11.] Nsɛmma nhoma yi ma yenya asɛm yi mu awerɛhyem, na ɛma yehu nneɛma bi a yebetumi ayɛ de abɔ yɛn ho ban wɔ nsɛmmɔnedifo ho.”