Nsɛm a Yebetumi Aka
De afi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ October mu
“Ɛnnɛ yɛde bere tiaa bi resrasra yɛn mpɔtam hafo. Wɔn a yɛne wɔn akasa no mu pii aka sɛ nsɛm a ato wɔn no mu nea ɛhaw wɔn paa ne bere a obi a wɔdɔ no wui. Na wo nso ɛ? [Twɛn ma ommua.] Asɛm yi ahyɛ me nkuran paa.” Fa asɛm a ɛwɔ October 1 Ɔwɛn-Aban no akyi kyerɛ no, na munsusuw asɛm a ɛwɔ asɛmmisa a edi kan no ase ne anyɛ yiye koraa no emu kyerɛw nsɛm no mu biako ho. Fa nsɛmma nhoma no ma no, na yɛ nhyehyɛe san kɔsra no na munsusuw asɛmmisa a edi hɔ no ho.
Ɔwɛn-Aban October 1
“Yɛde bere tiaa bi resrasra afoforo de ahyɛ wɔn nkuran ma wɔakenkan wɔn Bible. Yenim sɛ ebinom ani gye Bible no ho, na afoforo nso ani nnye ho. Wo nso ɛ? [Twɛn ma ommua.] Bible no ka saa nokwasɛm yi. [Kenkan 1 Tesalonikafo 2:13.] Migye di sɛ, sɛ wugye tom sɛ Bible no fi Onyankopɔn hɔ ampa a, ɛnde na ɛho hia sɛ yɛkenkan. Nsɛmma nhoma yi ma yehu nea Bible no ka ho asɛm tiawa ne nea enti a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye ho.”
Nyan! October
“Mepɛ sɛ wokyerɛ w’adwene wɔ asɛm yi ho: Sɛ obi nni yiye a, obetumi ama n’ani asɔ nea ɔwɔ anaa? [Twɛn ma ommua.] Hwɛ nea Bible no ka. [Kenkan 1 Timoteo 6:8.] Nsɛmma nhoma yi ma yenya ahonyade ho adwempa na ɛma yehu nneɛma a ɛsom bo abiɛsa a sika rentumi ntɔ.”