Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/14 kr. 1
  • Momfa Adiyifo no Nyɛ Nhwɛsode—Mika

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Momfa Adiyifo no Nyɛ Nhwɛsode—Mika
  • Yɛn Ahenni Som—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛbɛnantew Yehowa Din Mu Akosi Daa!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Yehowa Asomfo Wɔ Nokware Anidaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Dɛn Na Yehowa Hwehwɛ Fi Yɛn hɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Yɛbɛyɛ Dɛn De ‘Ntoboase Atwɛn’?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2014
km 1/14 kr. 1

Momfa Adiyifo no Nyɛ Nhwɛsode—Mika

1. Asɛmmisa bɛn na ɛbɛyɛ sɛ Mika dwinnwen ho, nanso dɛn nti na n’asɛnka adwuma no anyɛ ɔkwa?

1 ‘Da bɛn koraa na nhyehyɛe bɔne yi bɛba awiei?’ Ɛbɛyɛ sɛ odiyifo Mika dwinnwen asɛm a ɛte saa ho bere a na ɔreka Yehowa atemmu a ɛbɛba Israel ne Yuda ahemman so ho asɛm no. Nanso, n’asɛnka adwuma no anyɛ ɔkwa. Asɛm a Yehowa kae sɛ ɛbɛba Samaria so no baa mu wɔ afe 740 A.Y.B. mu wɔ Mika bere so. (Mika 1:6, 7) Akyiri yi, wɔsɛee Yerusalem wɔ afe 607 A.Y.B. mu. (Mika 3:12) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Mika bere a yɛretwɛn Yehowa atemmu a ɔde reba yɛn bere yi so no?

2. Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛwɔ abotare bere a yɛretwɛn Yehowa da no, na dɛn ntia?

2 Munnya Abotare: Mika kyerɛwee sɛ: “Me de, Yehowa ara na mehwɛ no. Mede ntoboase bɛtwɛn me nkwagye Nyankopɔn no.” (Mika 7:7) Mika antena hɔ anka ne nan anto so sɛ awiei no mmra, na mmom ɔyeree ne ho yɛɛ adwuma sɛ Yehowa diyifo. Bere a yɛretwɛn Yehowa da no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde yɛn ho hyɛ “abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu.” (2 Pet. 3:11, 12) Abotare a Yehowa wɔ no ma ankorankoro nya bere de sakra wɔn adwene. (2 Pet. 3:9) Enti, yetie afotu a Onyankopɔn de ma yɛn sɛ yennya ntoboase mfa nsuasua adiyifo no.—Yak. 5:10.

3. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne honhom kronkron no mmoa yɛn?

3 Momfa Mo Ho Nto Yehowa Ahoɔden So: Ɛwom sɛ na adwuma a wɔde ama Mika no yɛ den de, nanso ɔhwehwɛɛ ahoɔden fii Yehowa hɔ. (Mika 3:8) Ɛno nti, Yehowa Asɛm ka sɛ yɛmfa yɛn ho nto Onyankopɔn so na ɔmma yɛn ahoɔden. Oyi ne yam ma wɔn a wɔabrɛ no tumi sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi adi asɛyɛde ahorow a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn som mu ho dwuma. (Dw. 84:5, 7; Yes. 40:28-31) So w’ankasa woahu sɛ Onyankopɔn ama wo ahoɔden a ɛte saa ma wode ayɛ ne som adwuma pɛn? So wotaa bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne honhom kronkron a ɛwɔ tumi no mmoa wo?—Luka 11:13.

4. Dɛn na yesua fi nhwɛso pa a Mika de n’asetena yɛe no mu nnɛ?

4 Ade a na ɛho hia Mika sen biara wɔ n’asetenam ne sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Ɛwom sɛ na ɔbrasɛe atwa ne ho ahyia de, nanso osii ne bo sɛ ɔbɛkɔ so adi nokware. Saa ara na wɔsɔ yɛn mũdi mu a yebekura no hwɛ da biara da. Enti, momma yɛnkɔ so nsi yɛn bo sɛ “yɛbɛnantew Yehowa yɛn Nyankopɔn din mu daa daa.”—Mika 4:5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena