Boa Nea Wo Ne no Rekɔ Asɛnka No—Nka W’ano Ntom
1. Sɛ yɛne afoforo wɔ asɛnka mu a, dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua ɔsomafo Paulo?
1 Ɔsomafo Paulo buu bere a na ɔde kɔsra ne mfɛfo Kristofo no sɛ hokwan a ɛbɛma ‘obiara anya nkuranhyɛ afi ne yɔnko hɔ.’ (Rom. 1:12) Sɛ wo ne ɔdawurubɔfo bi wɔ asɛnka mu a, so wode hokwan a ɛte saa no hyɛ no nkuran na wo boa no? Sɛ́ anka wobɛka w’ano atom no, dɛn nti na wonka nea aboa wo ma woayɛ ɔdawurubɔfo a otu mpɔn no nkyerɛ no?
2. Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa onua a yɛne no rekɔ asɛnka no ma wanya ahotoso kɛse, na dɛn nti na eyi ho hia?
2 Ma Onnya Ahotoso: Adawurubɔfo binom nni ahotoso. Eyi tumi da adi wɔ sɛnea wɔyɛ wɔn anim anaa ɛnne a wɔde kasa mu. Sɛ yefi yɛn komam kamfo wɔn a, ebetumi ama wɔanya ahotoso kɛse. Akwan foforo bɛn na yebetumi afa so ama wɔanya ahotoso? Ɔhwɛfo kwantufo bi fi ne pɛ mu ka sɛnea ehu tumi ka no ne sɛnea ɔtaa bɔ mpae hwehwɛ mmoa a ɔde bedi ehu a ɛte saa so no kyerɛ onua a ɔne no rekɔ asɛnka no. Onua foforo ka nea ɛboa no ma ɔda ahotoso adi ho asɛm sɛ: “Midi kan serew. Ɛtɔ mmere bi a ɛsɛ sɛ mebɔ mpae hwehwɛ mmoa na ama matumi aserew.” So biribi aboa wo ma woanya ahotoso kɛse wɔ asɛnka mu? Ka ho asɛm kyerɛ onua a wo ne no nam no.
3. Asɛm bɛn na yɛka kyerɛ nea yɛne no nam no a ebetumi aboa no ma watu mpɔn kɛse wɔ asɛnka mu?
3 Ka Akwan a Wofa So no Kyerɛ No: So woanya asɛm tiawa anaa asɛmmisa bi a etu mpɔn a wode fi nkɔmmɔbɔ ase? Ebetumi ayɛ nneɛma bi a ɛrekɔ so wɔ mo mpɔtam hɔ. So woasakra asɛm a wɔde ama sɛ yɛmfa nkɔ asɛnka no mu kakra ma nkurɔfo ani agye ho? Ka ho asɛm kyerɛ nea wo ne no rekɔ asɛnka no. (Mmeb. 27:17) Bere a monam kwan so rekɔyɛ sankɔhwɛ no, wubetumi aka nea worekɔyɛ ne sɛnea wobɛyɛ no no ho asɛm akyerɛ no. Sɛ muwie Bible adesua bi a, wubetumi akyerɛkyerɛ nea enti a wofaa asɛm anaa kyerɛwsɛm bi de dii dwuma, anaa ɔkwan a wofaa so kyerɛkyerɛɛ osuani no mu akyerɛ nea wo ne no reyɛ asɛnka adwuma no.
4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yɛbɛboa yɛn mfɛfo asɛmpakafo?
4 Ná tete Kristofo no ani gye ho sɛ wɔbɛboa wɔn a wonnye nni ne wɔn mfɛfo asɛmpakafo. Wɔsan nso hui sɛ mfaso wɔ so sɛ wɔbɛhyehyɛ wɔn ho nkuran na wɔahyɛ wɔn ho wɔn ho den. (Aso. 11:23; 15:32) Ɔsomafo Paulo tetee aberante Timoteo, na ɛno akyi no, ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnka nea ɔte fii ne hɔ no nkyerɛ afoforo. (2 Tim. 2:2) Sɛ yɛn werɛ amfi sɛ yɛbɛyɛ yɛn nuanom Kristofo papa bere a yɛne wɔn wɔ asɛnka mu a, yɛma wonya anigye kɛse na wotu mpɔn wɔ asɛnka mu, na yɛsan nso ma yɛn soro Agya no ani gye.—Heb. 13:15, 16.