Nsɛm a Yebetumi Aka
De afi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ February mu
“Adwene a nkurɔfo a yɛne wɔn abɔ nkɔmmɔ kura wɔ Bible ho no gu ahorow. Ebinom susuw sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm, na afoforo nso susuw sɛ ɛyɛ nhoma biara kɛkɛ. Wo nso wuhu Bible no dɛn?” Twɛn ma ommua. Fa asɛm a ɛwɔ February 1 Ɔwɛn-Aban no akyi kyerɛ no, na munsusuw asɛm a ɛwɔ asɛmmisa a edi kan no ase ne anyɛ yiye koraa no emu kyerɛw nsɛm no mu biako ho. Fa nsɛmma nhoma no ma no, na yɛ nhyehyɛe san kɔsra no na munsusuw asɛmmisa a edi hɔ no ho.
Ɔwɛn-Aban February 1
“Nnipa dodow no ara nyae a anka ɔko nni hɔ bio. Sɛ wohwɛ a, bere bi bɛba a yebenya wiase a asomdwoe wom? [Twɛn ma ommua.] Hwɛ sɛnea Kyerɛwnsɛm no ahyɛ yɛn bɔ wɔ ha. [Kenkan Dwom 46:9.] Anigyesɛm ne sɛ, nsɛm a esisii bere a na Wiase Nyinaa Ko I no rekɔ so ne nea esisii wɔ ɔko no akyi ma yenya ahotoso sɛ ɛrenkyɛ koraa Onyankopɔn bɛma nkɔmhyɛ yi abam ma akodi afi hɔ koraa. Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ saa asɛm yi mu.”
Nyan! February
“Yɛaba sɛ yɛne wo rebɛbɔ ɔhaw bi a nnipa dodow no ara rehyia ho nkɔmmɔ tiawa. Ɛte sɛ nea yennya bere a yɛde bɛyɛ nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ nyinaa. Wohwɛ a, nnwuma a yɛyɛ dɔɔso nti na yɛn bere nso yɛn anaasɛ yɛn bere mmom na yɛmfa nni dwuma yiye? [Twɛn ma ommua.] Nnipa pii nnim sɛ Bible ma yɛn afotu pa a ɛboa ma yɛde yɛn bere di dwuma yiye. Ɛho nhwɛso ni. [Kenkan Filipifo 1:10a.] Nsɛmma nhoma yi ka akwan anan a aboa nnipa pii ma wɔde wɔn bere adi dwuma yiye paa ho asɛm.”