Nsɛm a Yɛbɛtumi Aka
Ɔwɛn-Aban February 1
“Yɛde kratawa yi rema obiara. Ɛma yɛhu sɛ Bible so wɔ mfasoɔ paa. Wo deɛ nie. [Ma ofiewura no kratawa a wɔato din Wohwɛ a, Bible Yɛ Nhoma Bɛn?] Ɛyɛ a, ebinom bisa sɛ, ‘Enti biribi wɔ Bible mu a ɛbɛtumi aboa me wɔ m’adwumayɛ mu?’ Hwɛ asɛm a Bible ka fa adwuma ho. [Kenkan Ɔsɛnkafoɔ 3:13.] Afotusɛm pii wɔ Bible mu a ɛbɛboa yɛn ma yɛn ani agye yɛn adwuma ho. Nsɛmma nwoma yi bɛkyerɛkyerɛ mu. Megye di sɛ w’ani bɛgye ho sɛ wobɛkenkan.”
Nyan! February
“Yɛresrasra mpɔtam hafoɔ de Nyan! foforɔ yi akyerɛ wɔn. Wo deɛ, hwɛ asɛmmisa yi. [Fa asɛmmisa a ɛwɔ anim no kyerɛ no.] Nwoma yi bɛma woanya ho mmuaeɛ. Nhwɛsoɔ baako wɔ nwoma yi mu a ɛma yɛhu mfasoɔ a ɛwɔ Bible so. [Kenkan Mmebusɛm 29:11.] Wosusu ho sɛn? Wohwɛ a asɛm yi so wɔ mfasoɔ nnɛ? [Twɛn ma no mmua.] Nwoma yi ma yɛhu Bible mu nsɛm nnan bi a ɛbɛtumi aboa yɛn wɔ asetenam.”