Ma Tumi a Ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Mu Nna Adi Wɔ Asɛnka Mu
Sɛ obi ma yɛn kwan sɛ yɛnka asɛmpa no nkyerɛ no a, yɛntoto hokwan a ɛte saa ase koraa. Yɛma no hu tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Ɔkwan bɛn so? Yɛne no resusu biribi ho a, yɛbue Bible mu kenkan asɛm no tẽẽ. Wɔsii wei so dua wɔ da koro nhyiam titiriw a yɛyɛɛ no afe a ɛtwaam no mu. Ɔmansin sohwɛfo no maa ɔkasa bi a wɔato din “Ma Tumi a Ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Mu Nna Adi Wɔ Asɛnka Mu.” Wokae ɔkasa no mu nsɛntitiriw no?
Adɛn nti na tumi wɔ Yehowa asɛm mu sen nnipa asɛm?—2 Tim. 3:16, 17.
Ɔkwan bɛn so na Bible no tumi pusu nnipa, tenetene wɔn nsusui, na ɛma wɔyɛ nsakrae wɔ wɔn gyidi ne wɔn abrabɔ mu?—Hwɛ June 15, 2012 Ɔwɛn-Aban, kr. 27, nky. 7.
Sɛ yɛrekan Bible mu asɛm akyerɛ obi a, dɛn na ɛbɛma wahu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm ma enti ɛsɛ sɛ ɔfa no aniberesɛm?—Hwɛ Ɔsom Sukuu nwoma no kr. 148, nky. 3-4 ne March 2013 Yɛn Ahenni Som, kr. 6, nky. 8.
Sɛ yɛkan kyerɛwsɛm bi wie a, adɛn nti na ɛhia sɛ yɛkyerɛkyerɛ mu na yɛne ofiewura no susu ho? Sɛn na yɛbɛyɛ no?—Aso. 17:2, 3; hwɛ Ɔsom Sukuu nwoma no kr. 154, nky. 4 kɔsi kr. 156, nky. 4.