BIBLE MU AKORADE | NNWOM 87-91
Tena Ɔsorosoroni no Hintabea
Yehowa “hintabea” ma yenya honhom fam ahobammɔ
Ehia sɛ yehyira yɛn ho so na yɛbɔ asu na yɛatumi atena Yehowa hintabea nnɛ
Wɔn a wonni Onyankopɔn mu ahotoso no nnim saa beae yi
Obiara ntumi nnaadaa wɔn a wɔte Yehowa hintabea no, na biribiara ntumi nsɛe wɔn gyidi wɔ Onyankopɔn mu ne ɔdɔ a wɔwɔ ma no no
“Nnomaayifo” no pɛ sɛ osum yɛn afiri
Nnomaa ani atew paa, na ɛyɛ den sɛ wobesum wɔn afiri ayi wɔn
Nnomaayifo tɔ wɔn bo ase sua sɛnea nnomaa yɛ wɔn ade, na afei wohu akwan a wɔbɛfa so asum wɔn afiri
Satan, “nnomaayifo” no nso sua Yehowa nkurɔfo ho ade na wasum wɔn mfiri a ɛbɛsɛe wɔne Yehowa ntam
Satan mfiri nnan a ebetumi ayi yɛn ntɛm:
Nnipa Ho Suro
Ahonyade Akyidi
Anigyede a Ɛmfata
Yɛne Afoforo Ntam Akasakasa