BIBLE MU AKORADE | HESEKIEL 46–48
Israelfo San Kɔ Wɔn Asase so a, Nhyira Bɛn na na Wobenya?
Ná adiyifo bi adi kan aka sɛ Israelfo no bɛsan akɔ wɔn asase so. Asɔrefie ho anisoadehu a Hesekiel nyae no sii so dua. Ɛsan maa Israelfo a wɔwɔ nkoasom mu no ani gyei. Ná nokware som bɛyɛ ade titiriw wɔ wɔn a na Yehowa ahyira wɔn no asetenam.
Anisoadehu no ma wonyaa anidaso sɛ wɔbɛyɛ baako na wɔanya asomdwoe ne ahobammɔ. Afei nso na nhyehyɛe pa bɛkɔ so
Ná asase no bɛma wɔn nnɔbae pii
Ná abusua biara benya n’agyapade
Ná ‘wobetwa’ asase no fã pɔtee bi sɛ “ntoboa” ama Yehowa ansa na wɔakyɛ nea aka no ama nkurɔfo no
Dɛn na mɛyɛ de akyerɛ sɛ Yehowa som na mede di kan wɔ m’asetenam? (w06 4/15 27-28 ¶13-14)