Ɛwom sɛ Twam Afahyɛ no nnyina hɔ mma Nkaedi no de, nanso nneɛma bi wɔ Twam Afahyɛ no mu a yebetumi asua biribi afi mu. Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Paulo frɛɛ Yesu “yɛn twam guan.” (1Ko 5:7) Sɛnea oguan mogya a wɔde yɛɛ apongua ho gyee nkwa no, saa ara na Yesu mogya gye nkwa. (Ex 12:12, 13) Afei Twam guan no, na wommu ne dompe biara mu. Ná wei ne Yesu wu no di nsɛ. Ɛwom, saa bere no, na wɔsɛn obi wɔ dua so a wobu ne dompe mu, nanso Yesu de wɔammu ne dompe biara mu.—Ex 12:46; Yoh 19:31-33, 36.