Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 7/15 kr. 31
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Monkae Saa Da Yi”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Efi Seder Kɔ Nkwagye Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Awurade Anwummeduan—Afahyɛ a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 7/15 kr. 31

Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

◼ Dɛn nti na Yesu ne asomafo no nkutoo na wɔde Nkaedi no sii hɔ na ɛnyɛ asuafo afoforo a wɔde wɔn bɛka apam foforo no ho?

Ɛte sɛ nea asemmisa yi gyina adwene a ɛnteɛ a ɛne sɛ Yesu ne n’asomafo no hyiaam saa anwummere no na wɔde Awurade Anwummeduan no asi hɔ, bere a na Kristofo asafo a wɔasra wɔn no wɔ apam foforo no mu dedaw. Mmom no, wɔ Nisan 14, 33 Y.B. mu no, na wɔntew Kristofo asafo no ɛ, na Yesu ne n’asomafo no behyiaam sɛ wɔrebedi Yudafo afe afe Twam no.

Nokwarem no, na Yesu wɔ asuafo afoforo ka 12 a wonim wɔn sɛ asomafo no ho. Afe ansa na ɔrewu no, ɔsomaa asuafo 70 ma wɔkɔyɛɛ asɛnka ɔsatu. Ne wusɔre akyi no, “ɔmaa anuanom bɛboro ahannum huu no prɛko.” Na asuafo ‘bɛyɛ ɔha aduonu’ hyiaam Pentekoste da no. (1 Korintofo 15:6; Asomafo no Nnwuma 1:15, 16, 23; Luka 10:1-24) Nanso momma yensusuw kuw a na wɔka Yesu ho bere a ɔde afe afe afahyɛ a wɔfrɛ no Awurade Anwummeduan no sii hɔ no ho.

Luka 22:7, 8 kyerɛ bere ko, bere a ese: “Na afei Apiti da a ɛsɛ sɛ wokum Twam guan no dui. Na ɔsomaa Petro ne Yohane sɛ: Monkɔ nkosiesie Twam no mma yɛn, na yemmedi.” Kyerɛwtohɔ no toa so sɛɛ “Na munse ofiwura no sɛ: Kyerɛkyerɛfo se wo sɛ: Ɛhe na ahɔhodan a me ne m’asuafo bedi mu Twam no wɔ?” Enti saa anwummere no na Yesu ne 12 no rebedi Yudafo afahyɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔpɛ na mepɛe sɛ me ne mo di Twam yi ansa na mahu amane.”​—Luka 22:11, 15.

Efi bere a wɔhyɛɛ ase wɔ Misraim no, na Twam no yɛ abusua afahyɛ. Bere a Onyankopɔn de Twam no resi hɔ no, ɔka kyerɛɛ Mose sɛ ɛsɛ sɛ wokum oguan ma abusua biara. Sɛ na abusua no sua dodo sɛ wɔbɛwe oguan mũ a, wobetumi afrɛ abusua bi a ɛbɛn ma wɔne wɔn abedi aduan no. Enti, ntease wom sɛ wɔ Twam a wodii wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no, na ɛbɛyɛ sɛ na Yesu asuafo no mu pii ne wɔn ankasa mmusua ahyiam redi aduan yi.

Nanso Yesu ‘pɛe yiye’ sɛ ɔne n’akyidifo a wɔbɛn no sen biara a na wɔne no atu akwan wɔ ne som adwuma no fã kɛse mu no bedi nea ɛbɛyɛ Twam ankasa a etwa to, ne anadwo a etwa to ansa na wawu no. Wodii Twam aduan no wiei no, Yesu kaa afahyɛ foforo a n’akyidifo nyinaa bedi daakye no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Na saa daakye Kristofo afahyɛ no mu bobesa no begyina hɔ ama “apam foforo” a ebesi Mmara apam no ananmu no mu mogya.​—Luka 22:20.

Nanso, Nisan 14, 33 Y.B. anwummere no, na apam foforo no nhyɛɛ ase ɛ, efisɛ na wɔmfaa afɔrebɔ a ɛhyɛ no den​—Yesu​—mmae ɛ. Na Mmara apam no da so ara yɛ adwuma. Na wɔmfa mmɔɔ asɛndua no ho ɛ. Afei nso, na ɛrenna adi kosi Pentekoste da no, sɛ wɔde apam foforo a wɔne honhom fam Israel yɛe no asi apam dedaw a wɔne honam fam Israel yɛe no ananmu.​—Galatifo 6:16; Kolosefo 2:14.

Enti, na asomafo anokwafo 11 no ne asuafo afoforo no mu biara nni apam foforo no mu saa anwummere no. Na ɛnyɛ sɛ na Yesu rekyerɛ sɛ n’ani nsɔ Yudafo asuafo afoforo no denam ma a ɔmaa wɔne wɔn mmusua hyiaam dii Twam no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena