KRISTOFO ABRABƆ
Nhyehyɛe Pa a Mobɛyɛ De Aka Asɛm No Wɔ Asasesin a Wɔka Kasa Horow Wom Mu
Mpɛn pii, sɛ nkurɔfo te Ahenni ho asɛm no wɔ wɔn kurom kasa mu a, ntɛm ara na aka wɔn koma. Ebia ɛno nti na Pentekoste afe 33 Y.B. no, Yehowa maa “Yudafo, nyamesurofo a wofi ɔman biara a ɛwɔ ɔsoro ase” mu tee asɛmpa no wɔ ‘wɔn mu biara kasa a wɔde woo no’ mu no. Nanso ebetumi aba sɛ na wɔn nyinaa tumi ka Hebri anaa Hela kasa. (Aso 2:5, 8) Ɛnnɛ, mmeae bi wɔ hɔ a nnipa a wɔte hɔ no kasa gu ahorow, enti asafo ahorow a ɛwɔ hɔ no ka kasa horow, na wɔn nyinaa yɛ asɛnka adwuma no wɔ asasesin koro no ara mu. Nea ɛbɛyɛ a asafo ahorow a ɛwɔ saa mmeae no rensɛe bere na wɔnhyɛ nkurɔfo abufuw no, nhyehyɛe bɛn na wobetumi ayɛ na ama wɔatumi aka asɛm no akyerɛ obiara?
Munni nkitaho (Mme 15:22): Ɛsɛ sɛ Ɔsom adwuma so ahwɛfo a wɔwɔ asafo ahorow no mu no di nkitaho na wɔyɛ nhyehyɛe a ɛbɛboa asafo ahorow no nyinaa, na wɔatumi aka asɛmpa no. Sɛ asafo bi asasesin sua a, ebia wɔbɛpɛ sɛ mugyaw afie a emufo ka wɔn kasa wɔ asasesin no mu ma wɔn, na wɔyɛ mu adwuma. Nanso sɛ wɔn asasesin no sõ, na ɛyɛ den sɛ wobetumi ayɛ mu adwuma a, ebia wɔn ani begye ho sɛ obiara a mobɛto no no, moka asɛm no bi kyerɛ no, na sɛ ɔkyerɛ asɛm no ho anigye a moabɔ wɔn amanneɛ. (od 93 ¶37) Ebi nso a, wɔbɛpɛ sɛ mo asafo no boa wɔn ma wɔhwehwɛ nnipa a wɔka wɔn asafo no kasa, na sɛ munya obi a, mode n’address ama wɔn. Kae sɛ ɛtɔ da a wobɛkɔ fie bi mu no, na ɛsono kasa a obiara ka. Nhyehyɛe biara a mobɛyɛ no, ɛsɛ sɛ mudi mmara a ɛfa nhyehyɛe a wɔde bɔ nkurɔfo ho nsɛm ho ban no so.
Momma ntease nyɛ adwuma (Efe 4:16): Akwankyerɛ biara a ɔsom adwuma sohwɛfo no de bɛma no, di akyi pɛpɛɛpɛ. Wo ne obi sua Bible nanso kasa a anka n’ani begye ho sɛ mode bɛyɛ adesua no nyɛ mo asafo no kasa anaa? Sɛ saa a, adɛn na wonnan adesua no mma asafo anaa kuw bi a ɛbɛn hɔ a wɔka osuani no kasa? Woyɛ saa a, ebia obenya nkɔso ntɛmntɛm.
Siesie wo ho (Mme 15:28; 16:1): Sɛ wokɔ ofie bi mu wɔ w’asasesin mu, na wokɔto obi a ɔka kasa foforo a, bɔ mmɔden sɛ wobɛka asɛmpa no bi akyerɛ no. Sɛ woresiesie wo ho a, wubetumi adi kan asusuw ho ahwɛ kasa horow a nkurɔfo ka wɔ w’asasesin no mu. Afei wubetumi atwe Bible ne video ahorow wɔ kasa horow yi mu agu wo fon anaa tablɛt so. Wubetumi nso asua sɛnea yekyia wɔ kasa ahorow bi mu wɔ JW Language app no so.