BIBLE MU AKORADE | 2 PETRO 1-3
‘Ma Yehowa Da a Ɛreba No Nyɛ Ntɛm Wɔ W’adwenem’
Sɛ Yehowa bere sõ a, obebu obiara atɛn; ɔrentwentwɛn ne nan ase koraa. Bisa wo ho sɛ, ‘Sɛ mehwɛ m’asetena mu a, metumi aka paa sɛ masiesie me ho ama Yehowa da no anaa?
Nneɛma bɛn na yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ ‘yɛn abrabɔ yɛ kronkron na yɛde onyamesom pa’ retena ase?
Ɛsɛ sɛ yɛn abrabɔ ho tew, na yɛde akokoduru ka yɛn gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo
Nneɛma a yɛyɛ de som Yehowa no, sɛ nkurɔfo hu yɛn oo, wonhu yɛn oo, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ara yɛ