KRISTOFO ABRABƆ
Ntu Wo Ho; Brɛ Wo Ho Ase
Sɛ obi ka nsɛm de tu ne ho anaa odwa n’anom a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ahantan. Nsɛm a ɛte saa nhyɛ afoforo nkuran. Ɛno nti Bible ka sɛ: “Ma ɔhɔho nyi wo ayɛ, na ɛnyɛ w’ankasa w’ano.”— Mme 27:2.
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN BRA BƐYƐ YEHOWA ADAMFO—BRƐ WO HO ASE NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
Nneɛma bɛn na nkurɔfo taa de tu wɔn ho?
Dɛn na na Caleb de retu ne ho?
Sɛn na Caleb papa boaa no ma ohui sɛ ɛnsɛ sɛ otu ne ho?
Sɛn na 1 Petro 5:5 betumi aboa yɛn ama yɛabrɛ yɛn ho ase?