Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb20 October kr. 5
  • Mmerante Ne Mmabaa—Hena Ne Mo Adamfo Paa? Ɛyɛ Yehowa Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmerante Ne Mmabaa—Hena Ne Mo Adamfo Paa? Ɛyɛ Yehowa Anaa?
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wubetumi Ne Yehowa Afa Adamfo
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Onyankopɔn To Nsa Frɛ Wo Sɛ Bɛyɛ N’adamfo
    Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
  • Dɛn Nti na M’adamfo Pa Tu Kɔe?
    Nyan!—1997
  • Dɛn na Ɛma Obi Yɛ Adamfo Pa?
    Nyan!—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
mwb20 October kr. 5
Abarimaa bi ani abere reyɛ ne kokoam adesua.

KRISTOFO ABRABƆ

Mmerante Ne Mmabaa—Hena Ne Mo Adamfo Paa? Ɛyɛ Yehowa Anaa?

Sɛ wopɛ sɛ wofa obi adamfo a, su ahorow bɛn na wobɛpɛ sɛ wuhu wɔ ne ho? Ebia wobɛhwɛ sɛ ne yam ye, ɔwɔ ɔdɔ na ne tirim yɛ mmerɛw. Wunim? Yehowa wɔ su ahorow yi nyinaa bi. (Ex 34:6; Aso 14:17) Wobɔ mpae a, otie. Bere biara a wuhia ne mmoa no, ɔwɔ hɔ ma wo. (Dw 18:19, 35) Wofom no nso a, ɔde bɛkyɛ wo. (1Yo 1:9) Wompɛ adamfo wei na wopɛ dɛn!

Wobɛyɛ dɛn afa Yehowa adamfo? Ɛsɛ sɛ wusua ne ho ade wɔ Bible mu. Ka wo komam asɛm kyerɛ no. (Dw 62:8; 142:2) Afei nso, nneɛma a ehia Yehowa no, ma enhia wo. Saa nneɛma no bi ne N’ahenni no, ne Ba Yesu, ne nneɛma a wahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma yɛn daakye no. Ɛyɛ a, ka saa nneɛma yi ho asɛm kyerɛ afoforo. (De 32:3) Sɛ wo ne Yehowa fa adamfo nnɛ a, mo adamfofa no bɛtena hɔ daa.—Dw 73:25, 26, 28.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN MMABUN—“MONKA NHWƐ NA MUNHU SƐ YEHOWA YE” NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • ‘Mmabun—Monka Nhwɛ Na Munhu Sɛ Yehowa Ye’ video no mu mfoni. Onuawa kumaa bi rebɔ mpae ansa na wafi ne kokoam adesua ase.

    Wobɛyɛ dɛn asiesie wo ho ama ahosohyira ne asubɔ?

  • ‘Mmabun—Monka Nhwɛ Na Munhu Sɛ Yehowa Ye’ video no mu mfoni. Onua kwampaefo bi rekan kyerɛwsɛm akyerɛ papa bi wɔ Karen (S’gaw) kasa mu.

    Dɛn na wɔn a wɔwɔ asafo no mu betumi ayɛ de aboa wo ama woasom Yehowa?

  • ‘Mmabun—Monka Nhwɛ Na Munhu Sɛ Yehowa Ye’ video no mu mfoni. Onua aberante bi a n’ani gye anuanom a wɔwɔ osuahu ho ne onua bi a n’ani afi rekɔ asɛnka.

    Sɛn na asɛnka adwuma no hyɛ wo ne Yehowa adamfofa no mu den?

  • ‘Mmabun—Monka Nhwɛ Na Munhu Sɛ Yehowa Ye’ video no mu mfoni. Onuawa bi atwa kwan nnɔnhwerew mmienu, na ɔne ababaa bi a ɔyɛ mum resua ade.

    Wo ne Yehowa fa adamfo a, mo adamfofa no bɛtena hɔ daa!

    Hokwan ahorow a wubetumi anya wɔ Yehowa som mu no bi ne dɛn?

  • Dɛn na w’ani gye ho wɔ Yehowa ho?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena