Mmofra Bisa Sɛ . . .
Dɛn Nti na M’adamfo Pa Tu Kɔe?
‘WOAYƐ sɛ nea woahwere w’adamfo pa.’ Nkurɔfo ka eyi bere a wohu sɛ ɛte sɛ nea obi werɛ ahow anaa wayɛ bosaa kakra no. Nanso sɛ woahwere w’adamfo pa ankasa a, asɛm a wɔka no kyerɛ biribi foforo koraa.
Anyɛ hwee koraa no, adamfo pa yɛ biribi titiriw a ɛsom bo. Bible ka sɛ: “Adamfo dɔ bere nyinaa mu, na onua, wɔwoo no maa hiada.” (Mmebusɛm 17:17) Nnamfo pa ma yenya fekubɔ ne mmoa. Wɔboa yɛn ma yenyin wɔ nkate ne honhom fam. Bere a yebetumi anya ayɔnkofo anaa amannifo pii no, ankorankoro a yebetumi de yɛn ho ato wɔn so na yɛne wɔn aka atirimsɛm ankasa no ho taa yɛ na.
Enti sɛ w’adamfo pa atu a, ɛyɛ nea ntease wom sɛ ebia wobɛyɛ basaa. Abofra bi a ɔde Bryan kae sɛnea ɔtee nka bere a n’adamfo pa tui no. Ɔkae sɛ: “Ehu kaa me, meyɛɛ ankonam, na ɛhaw m’adwene.” Ebia wote nka saa ara.
Tebea no a Wobegye Atom
Nea enti a w’adamfo no atu ho a wobesusuw no betumi aboa. Ɛda adi sɛ, ɛnyɛ n’ani a ɛnsɔ w’adamfofa nti na watu. Atutuatutu abɛyɛ nnɛyi asetram ade. Afe biara, wɔ United States nkutoo no, nnipa bɛboro ɔpepem 36 na wotu! Sɛnea U.S. Nnipakan Adwumayɛbea kyerɛ no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, Amerikani biara betu mpɛn 12 wɔ ne nkwa nna mu.
Dɛn nti na wotu saa? Nea ɛma wɔyɛ saa no gu ahorow. Mmusua pii tu sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nnwuma pa ne adan pa. Wɔ nsase a wonnyaa nkɔso pii so no, ɔko ne ohia ahyɛ mmusua ɔpepem pii ma wɔatu. Na sɛ mmofra nyin bɛyɛ mpanyin a, wɔn mu pii tu kɔbɔ wɔn bra. Ebinom tu kɔware. (Genesis 2:24) Na afoforo nso tumi tu kodi honhom fam nneɛma ho dwuma. (Mateo 19:29) Wɔ Yehowa Adansefo mu no, pii gyaw baabi a wɔte a ahotɔ wɔ no kɔsom mmeaemmeae—ebia amannɔne nsase so mpo—baabi a wohia Kristofo asomfo kɛse no. Ebinom tu kɔtra wɔn ankasa man mu baabi kɔsom wɔ Betel, sɛnea wɔfrɛ adwumayɛbea a wofi hwɛ Yehowa Adansefo adwuma so no. Yiw, ɛwom sɛ yɛdɔ yɛn nnamfo de, nanso ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ, ɛyɛ asetram nokwasɛm sɛ bere kɔ so no, wobetumi atu.
Ɛmfa ho nea ɛmaa w’adamfo no tui biara no, wubedwen sɛnea wo werɛ betumi afi adehwere no ho. Nanso bere a ɛyɛ awosu sɛ wobɛte ankonamyɛ nka na woahaw kakra no, ebia wubehu sɛ wo ho a wobɛtew atra baabi de wo nsa asum wo ti no remma nneɛma nyɛ yiye ɔkwan biara so. (Mmebusɛm 18:1) Enti ma yɛnhwɛ nneɛma bi a ebetumi aboa.
Nkitaho a Mobɛkɔ so Adi
Abofra Bryan tuu fo sɛ: “Hu sɛ mo adamfofa no mmaa awiei.” Yiw, akyinnye biara nni ho sɛ tu a w’adamfo pa atu no bɛma nsakrae bi aba mo nkitahodi mu de, nanso ɛnkyerɛ sɛ momma mo adamfofa no ngu. Mmofra a wɔadu mpanyin afe so fotufo Ɔbenfo Rosemarie White kae sɛ: “Adehwere yɛ asɛnnennen wɔ asetram bere biara mu, nanso ɔkwan a wɔfa so di ho dwuma ne sɛ wobɛfa no sɛ ɛyɛ nsakrae kɛkɛ, na ɛnyɛ biribi awiei.”
Dɛn na wubetumi ayɛ ma adamfofa no akɔ so? Susuw Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa Dawid ne Yonatan ho no ho. Ɛmfa ho nsonsonoe kɛse a na ɛwɔ mfe a wɔadi mu no, na wɔyɛ nnamfo paa. Bere a nsɛm tebea hyɛɛ Dawid ma oguanee no, wɔantetew mu a wɔanka biribi. Mmom no, wɔhyɛɛ wɔn adamfofa a emu ntetew da no mu den, yɛɛ apam, anaa wɔkaa ntam mpo sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ nnamfo.—1 Samuel 20:42.
Saa ara na wubetumi ne w’adamfo no akasa ansa na wakɔ. Ma w’adamfo no nhu sɛnea mo adamfofa no som bo ma wo, ne sɛnea wopɛ sɛ mo nkitahodi no kɔ so. Saa ara na Patty ne Melina a wɔyɛ nnamfo paa a asase ne po atetew wɔn ntam akwansin 5,000 no yɛe. Patty kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yɛyɛɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛkɔ so adi nkitaho.” Nanso, nhyehyɛe a ɛte saa betumi asɛe, gye sɛ moyɛ nhyehyɛe ahorow pɔtee bi.—Fa toto Amos 3:3 ho.
Bible ka kyerɛ yɛn sɛ bere a na ɔsomafo Yohane ntumi nhu n’adamfo Gaio no, ɔne no dii nkitaho denam ‘adubiri ne krammɛn a ɔde kyerɛw no’ so. (3 Yohane 13) Mubetumi ayɛ nhyehyɛe akyerɛw mo ho krataa anaa mode kratasin amena mo ho daa, ebia pɛnkoro dapɛn anaa ɔsram biara. Na sɛ telefon so a wo ne obi bɛkasa wɔ akyirikyiri ho ka renhaw w’awofo a, ebia mubetumi ne mo ho akasa wɔ telefon so bere ne bere mu, na moahu nneɛma foforo a ɛrekɔ so wɔ mo asetra mu. Anaasɛ mubetumi de nsɛm foforo a wɔaka agu kasɛt anaa video so amena mo ho. Ebia bere kɔ so no, mubetumi ayɛ nhyehyɛe asrasra mo ho dapɛn awiei bi, anaasɛ moabom akodi akwamma. Ɛdenam saayɛ so no, adamfofa no betumi akɔ so ayɛ yiye.
Fa Bere no Di Dwuma
Tu a w’adamfo pa tu no mpo ma wunya bere bi wɔ w’asetra mu. Ne saa nti, wubetumi ahu sɛ wowɔ bere pii. Wiɛ, mma saa bere no nnsɛe kwa. (Efesofo 5:16) Fa yɛ biribi a mfaso wɔ so—ebia wubetumi asua sanku bɔ, asua kasa foforo bi, anaa wode ayɛ adwuma bi agyigye w’ani. Somakɔ a wɔyɛ ma wɔn a wohia mmoa yɛ ade foforo a mfaso wɔ so a wɔde bere yɛ. Sɛ woyɛ Yehowa Adansefo no mu biako a, wubetumi ama kyɛfa a wunya wɔ baguam asɛnka mu no anya nkɔanim. (Mateo 24:14) Anaasɛ wubetumi afi Bible adesua ho nhyehyɛe a ɛyɛ anigye bi ase.
Afei nso, ɔsomafo Paulo tuu Kristofo a wɔwɔ Korinto no fo sɛ ‘wɔntrɛw wɔn mu’—kyerɛ sɛ, wɔmma afoforo mmɛka wɔn nnamfo ho. (2 Korintofo 6:13) Ebia adamfo biako pɛ na wo ne no abɔ bere tenten ma enti woabu w’ani agu afoforo a wubetumi ne wɔn afa nnamfo no so. Mmofra a wɔwɔ Yehowa Adansefo mu taa hu sɛ wobetumi anya nnamfo wɔ wɔn asafo mu. Enti bɔ mmɔden sɛ wubedu asafo nhyiam ahorow ase ntɛm, na twɛn kakra bere a wɔapɔn no. Eyi bɛma woanya bere pii de ahu afoforo. Kristofo nhyiam akɛse ne apontow nketewa ase ma wonya hokwan fa nnamfo foforo.
Nanso, ɛfata sɛ woyɛ ahwɛyiye: Mpere wo ho mfa nnamfo foforo a ɛbɛma woafi ase ne mmofra a wɔne wo nni honhom fam botae ne gyinapɛn ahorow koro abɔ denneennen. Saafo no betumi anya wo so nkɛntɛnso bɔne, na wobetumi apira wo sen sɛ wɔbɛboa wo. (Mmebusɛm 13:20; 1 Korintofo 15:33) Ɛne mmofra a wodwen honhom fam nneɛma ho a wɔwɔ din pa sɛ wɔn bra ye mmɔ.
Sɛ wunya obi a ɔte saa a, monyɛ nhyehyɛe sɛ mobɛyɛ nneɛma abom wɔ mo adamfofa no mu. Mommom nnidi. Monkɔsra tete nneɛma akorae. Muntu mpase. Mommom nyɛ nhyehyɛe mfa da bi nsi hɔ nkɔyɛ Kristofo som adwuma no, nkɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm no nkyerɛ nkurɔfo. Ɛdenam bere ne mmɔdenbɔ so no, adamfofa foforo no mu betumi ayɛ den. Esiane sɛ Kristofo dɔ nyin nti—‘emu trɛw’ ka afoforo—sɛ wofa nnamfo foforo a, ɛho nhia sɛ wote nka sɛ wunni w’adamfo a watu no nokware.
Wubetumi de hokwan no ne wɔn a wɔdɔ wo kɛse—w’awofo—abɔ pii. Wobetumi ayɛ wo mmoa kɛse, ɛwom mpo sɛ ebia mfiase no ɛbɛyɛ wo den sɛ wo ne wɔn bɛbɔ de. Abofra bi a wɔfrɛ no Josh kae sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ mehyɛɛ me ho na me ne wɔn bɔe, esiane sɛ na memmɛn me maame anaa me papa saa bere no nti. Nanso wɔne me nnamfo paa seesei!”
Kae nso sɛ, woda so wɔ adamfo bi wɔ soro. Sɛnea Dan a wadi mfe 13 ka no no, “wonyɛɛ ankonam ankasa efisɛ woda so wɔ Yehowa.” Yɛn soro Agya no wɔ hɔ ma yɛn bere nyinaa denam mpaebɔ so. Sɛ wode wo ho to ne so a, ɔbɛboa wo ma woatumi agyina tebea a emu yɛ den yi ano.—Dwom 55:22.
Kɔ so Kura Adwempa Mu
Ɔhene Salomo onyansafo no de afotu yi mae sɛ: “Nka sɛ: Ɛdɛn na kan nna no ye sen eyinom yi?” (Ɔsɛnkafo 7:10) Ɔkwan foforo so no, nnwen mmere a atwam no ho; fa hokwan ahorow a ɛwɔ hɔ seesei no nyinaa di dwuma. Bill a seesei ɔwɔ ne mfe 20 mfiase mu no yɛɛ saa bere a ɔhweree n’adamfo pa no. Ɔkae sɛ: “Bere bi akyi no, mifii ase faa nnamfo foforo, na mannwen mmere a atwam no ho pii bio. Mebɔɔ mmɔden sɛ mesiesie me ho ama nea ɛwɔ m’anim, na matra asetra a mewom no mu.”
Saa nyansahyɛ ahorow yi betumi aboa, nanso tu a w’adamfo pa tu kɔ no da so ara yɛ awerɛhosɛm. Ebetumi akyɛ kakra ansa na worenkae bere a moboom gyee mo ani no mma ɛnyɛ wo yaw bio. Kae sɛ, nsakrae yɛ asetram ade, na ɛma wunya hokwan nyin kɔ ahokokwaw mu. Bere a ebetumi ayɛ te sɛ nea worentumi nnya adamfo foforo a obetumi asi adamfo titiriw bi ananmu koraa no, wubetumi anya su ahorow a ɛbɛma ‘woayɛ onipa pa wɔ Yehowa ne nnipa ani so.’ (1 Samuel 2:26, NW) Sɛ woyɛ saa a, wubenya obi a wobɛfrɛ no w’adamfo bere nyinaa!
[Kratafa 13 mfonini]
Nantew yiye a wobɛka akyerɛ w’adamfo pa yɛ ade a ɛyɛ yaw yiye