Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb20 December kr. 3
  • Sɛ Yehowa Teɛ Obi So Na Yegye Tom a, Ɛkyerɛ Sɛ Yɛwɔ Ɔdɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ Yehowa Teɛ Obi So Na Yegye Tom a, Ɛkyerɛ Sɛ Yɛwɔ Ɔdɔ
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Yehowa Dɔ No Na Ɔteɛ No So
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
  • Nteɛso a Ebetumi Asow Asomdwoe Aba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Bere a Obi a Wodɔ No Agyae Yehowa Som
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Nokwaredi Ho Sɔhwɛ Ano A Yebegyina
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
mwb20 December kr. 3

KRISTOFO ABRABƆ

Sɛ Yehowa Teɛ Obi So Na Yegye Tom a, Ɛkyerɛ Sɛ Yɛwɔ Ɔdɔ

Sɛ wotu obi fi asafo no mu a, ɛbɔ asafo no ho ban; ɛsan nso yɛ nteɛso ma ɔbɔnefo a wannu ne ho no. (1Ko 5:6, 11) Ɛwom, sɛ wotu obi fi asafo no mu a, ɛma n’abusuafo a wɔbɛn no ne mpanyimfo a wodii n’asɛm no di yaw, nanso sɛ Yehowa de nteɛso a ɛte saa ma onipa no, na yegye tom a, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ ɔdɔ. Adɛn nti na yɛreka saa?

Nea edi kan, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa, na ne din a ɛho bɛtew no ho hia yɛn. Afei nso, yɛpɛ sɛ asafo no ho tew. (1Pe 1:14-16) Bio nso, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ onipa a wɔatu no no. Ɛwom, saa nteɛso no yɛ yaw, nanso akyiri yi, ebetumi asow “asomdwoe aba a ɛne trenee” kyerɛ sɛ, biribi pa betumi afi mu aba. (Heb 12:5, 6, 11) Enti sɛ wotu obi anaa obi twe ne ho fi asafo no ho na yɛne no bɔ a, ɛkyerɛ sɛ yennye Yehowa nteɛso ntom. Momma yɛnkae sɛ, sɛ obi yɛ bɔne a, nteɛso a Yehowa de bɛma biara “fata.” (Yer 30:11) Enti sɛ wɔteɛ obi so, na yegye tom na yɛamma ansɛe anigye a yɛde resom Yehowa a, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ anidaso sɛ daakye, nea wɔatu no no betumi asan aba mmɔborɔhunu Agya no nkyɛn.—Yes 1:16-18; 55:7.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN FA KOMA MŨ DI YEHOWA NOKWARE NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • ‘Fa Koma Mũ Di Yehowa Nokware’ video no mu mfoni. Gabriella ne Ben rekenkan krataa a wɔn ba a wafi fie akyerɛw agyaw wɔn no, na wɔredi awerɛhow.

    Sɛ wotu abofra bi fi asafo no mu a, sɛn na ɛyɛ a n’awofo te nka?

  • ‘Fa Koma Mũ Di Yehowa Nokware’ video no mu mfoni. Anuanom apɔn adesua; wɔayɛ Gabriella ne Ben atuu, na wɔrekyekye wɔn werɛ.

    Abusuafo a aka a wɔresom Yehowa no, dɛn na asafo no mufo betumi ayɛ de aboa wɔn?

  • ‘Fa Koma Mũ Di Yehowa Nokware’ video no mu mfoni. Gabriella redwinnwen Kora atuatew no ho.

    Bible mu asɛm bɛn na ɛma yehu sɛ, ɛsɛ sɛ yenya ɔdɔ a emu yɛ den ma Yehowa sen yɛn abusuafo?

  • ‘Fa Koma Mũ Di Yehowa Nokware’ video no mu mfoni. Gabriella ne Ben apɔn adesua abedu fie; Gabriella de text message a wɔn ba no de amena no no rekyerɛ Ben.

    Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yedi Yehowa nokware sen yɛn abusuafo?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena