Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb22 May kr. 11
  • Sua Sɛ Wobɛhyɛ Wo Ho So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sua Sɛ Wobɛhyɛ Wo Ho So
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Ɛsɛ Sɛ Wɔbara Sigaretnom?
    Nyan!—1981
  • Sigaret​—Onyankopɔn Bu no Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Wobɛyɛ Dɛn Atumi Ako Atia Akɔnnɔ Bɔne?
    Nyan!—2003
  • Wubetumi Agyae!
    Nyan!—1981
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
mwb22 May kr. 11

KRISTOFO ABRABƆ

Sua Sɛ Wobɛhyɛ Wo Ho So

Yɛyɛ nnipa a yɛnyɛ pɛ yi de, ɛnna fam sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho so; ɛsɛ sɛ daa yemia yɛn ani na yɛatumi ayɛ saa. Sɛ yegyaagyaa yɛn ho di yɛn akɔnnɔ akyi a, ebetumi ama yɛahwere Yehowa anim dom. Ebinom ma ntaade a wɔbɛhyɛ, baabi a wɔbɛda, ne aduan ho hia wɔn sen ɔdɔ a ɛsɛ sɛ wonya ma Onyankopɔn. Ebinom nso, nna ho akɔnnɔ biara a ɛba wɔn mu no na wodi akyi; wɔmfa Onyankopɔn mmara nyɛ hwee. (Ro 1:26, 27) Afoforo nso de, nea wɔn ani gye ho ne sɛ wɔn nnamfo bɛpɛ wɔn asɛm anaa wobegye wɔn atom. Enti nea wɔbɛka biara na wodi so.—Ex 23:2.

Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛn akɔnnɔ amfa yɛn anyɛ akoa? Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden de yɛn adwene nyinaa si Onyankopɔn apɛde so. (Mt 4:4) Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yentumi nhyɛ yɛn ho so. Adɛn ntia? Efisɛ ɔno na onim nea eye ma yɛn, na nneɛma papa a ɛda yɛn koma so no, onim ɔkwan a ɔbɛfa so ama yɛn nsa aka.—Dw 145:16.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN MMA SIGARET MMFA WO NNYƐ AKOA NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Mfoni yi wɔ video a yɛato din “Mma Sigaret Mmfa Wo Nnyɛ Akoa” no mu. Nnipa bi ato santen refa afiri bi mu, na wobepue aba no na sigaret sisi wɔn ano.

    Adɛn nti na ebinom nom sigaret?

  • Mfoni yi wɔ video a yɛato din “Mma Sigaret Mmfa Wo Nnyɛ Akoa” no mu. Obi a ɔnom sigaret aharawa rebɔ waw denneennen.

    Wonom sigaret a, dɛn na ebetumi ayɛ wo?

  • Mfoni yi wɔ video a yɛato din “Mma Sigaret Mmfa Wo Nnyɛ Akoa” no mu. Obi a ɔtɔn sigaret kura darewa bi a yɛde ɛlɛtrɔnik sigaret ahyɛ ano, na ɔde redaadaa ababaa bi.

    Sɛ obi nom sigaret anaa ɛlɛtrɔnik de no bi a, adɛn nti na ɛyɛ bɔne?—2Ko 7:1

  • Mfoni yi wɔ video a yɛato din “Mma Sigaret Mmfa Wo Nnyɛ Akoa” no mu. Wim atew nwann, na abaayewa bi gyina ɔdan atifi rehwɛ.

    Sɛ wo kɔn dɔ sɛ nom sigaret a, wubetumi ahyɛ wo ho so!

    Sɛ obi daadaa wo sɛ nom sigaret a, dɛn na wubetumi ayɛ? Woanom ama aka wo hɔ nso a, wobɛyɛ dɛn agyae?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena