Bible no Adwene
Wobɛyɛ Dɛn Atumi Ako Atia Akɔnnɔ Bɔne?
“Me a mepɛ sɛ meyɛ nea eye no, bɔne wɔ me hɔ.”—ROMAFO 7:21.
EBETUMI aba sɛ Paulo yɛɛ adwumaden sen ɔsomafo biara de hyɛɛ Kristofo nnyinasosɛm a ɛkorɔn sen biara a wɔde bɛyɛ adwuma no ho nkuran. (1 Korintofo 15:9, 10) Nanso, ofi nokwaredi mu kaa asɛm a ɛwɔ atifi hɔ no. Ɔtee nka bere nyinaa sɛ n’adwene ne akɔnnɔ bɔne redi apere wɔ ne mu. So woanya nkate a ɛte sɛ ɔsomafo Paulo de no bi pɛn? Nokwarem no, sɛ́ abɔde a wɔnyɛ pɛ no, yɛn mu hena na ɔntee nipaduam apereperedi saa nka pɛn?
Wɔ pii fam no, ɛyɛ den ma wɔn kɛse sɛ wobedi akɔnnɔ bɔne so. Ebinom di apere wɔ nna mu akɔnnɔ bɔne ho. Kyakyatow, tawa, nnubɔnenom, anaasɛ mmosa afa afoforo dommum. Sɛ yɛn kɔn dɔ afideyɛ a ebetumi apira yɛn a, ɔkwan bɛn na yebetumi afa so ako atia? Mmoa bɛn na ɛwɔ hɔ? So akɔnnɔ bɔne ho akodi no bɛba awiei da bi?
Ɔdɔ—Ade Titiriw a Wɔde Ko Tia Akɔnnɔ Bɔne
Yesu daa Mose Mmara no mu atitiriw abien no adi. Nea edi kan no ni: “Dɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu!” (Mateo 22:37) Sɛ yɛdɔ Onyankopɔn sɛnea Yesu kae sɛ yɛnyɛ no a, so ɛnsɛ sɛ N’ani a yɛbɛsɔ no ho hia yɛn sen biribiara? Sɛ ɛte saa a, ɛnde saa ɔpɛ pa no betumi aboa yɛn ma yɛako atia akɔnnɔ bɔne a ase atim mpo! Eyi nyɛ nsusuwii hunu bi ara kwa. Kristofo ɔpepem pii tumi di akɔnnɔ bɔne so nkonim da biara da. Ɔkwan bɛn na wubetumi afa so ne Onyankopɔn anya abusuabɔ a emu yɛ den a ɛte saa? Ɛdenam ne papayɛ a ɛda adi wɔ n’adebɔ mu ne Bible no mu, ne ɔkwan a ɔfa so ne yɛn di nsɛm no a wode anisɔ bedwennwen ho no so.—Dwom 116:12, 14; 119:7, 9; Romafo 1:20.
Mmara nsɛm no mu titiriw a ɛto so abien a Yesu kaa ho asɛm ne: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!” (Mateo 22:39) Ɔsomafo Paulo kae sɛ ɔdɔ ‘nyɛ ne ho sɛnea ɛmfata’ na “ɛnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de.” Ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim saa no boa yɛn ma yɛkwati nneyɛe biara a ɛbɛma afoforo adi yaw. (1 Korintofo 13:4-8) Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya su a ɛte saa? Denam afoforo a yɛbɛte nka ama wɔn na yɛafi nokwaredi mu asusuw wɔn nkate ne wɔn daa yiyedi ho no so.—Filipifo 2:4.
Mmoa Bɛn na Ɛwɔ Hɔ?
Esiane sɛ Onyankopɔn nim sɛnea ɛyɛ den sɛ yɛbɛyɛ adetrenee nti, ɔde mmoa pii ama yɛn. Ɔnam Kyerɛwnsɛm, Bible no so kyerɛkyerɛ yɛn sɛ yenkyi bɔne na yennya osuro pa mma no. (Dwom 86:11; 97:10) Bible no ka nkurɔfo asetram nsɛm ankasa a ɛda nneɛma bɔne a etumi fi obi ho mu a ogyaa ma akɔnnɔ bɔne mu ba no ho asɛm. Bio nso, Yesu kae sɛ, sɛ yebisa Onyankopɔn a, Ɔde ne tumi a ɛsen tumi biara wɔ amansan no mu, Ne honhom kronkron no, bɛma yɛn. (Luka 11:13) Ebetumi ahyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛyɛ adetrenee no mu den. Nsiesiei foforo nso ne mmoa ne nkuranhyɛ a yenya fi Kristofo foforo a wɔn nso reko tia akɔnnɔ bɔne no nkyɛn no. (Hebrifo 10:24, 25) Bere a nkɛntɛnso papa saa besi bɔne no ananmu no, ɛboa yɛn ma yetumi yɛ nea ɛteɛ. (Filipifo 4:8) So saa kwan yi tumi yɛ adwuma ankasa?
Susuw Fidel a na wonim no wɔ ne mpɔtam sɛ ɔsabofo no ho hwɛ. Sɛ ɔnom nsa bow a, na ɔsan nom tawa, tow kyakya, ne afoforo ko ntɔkwaw. Bible no a osuae ne Yehowa Adansefo a ɔne wɔn bɔe no boaa no ma otumi dii nneyɛe a ɛtete saa so. Seesei ɔne ne yere ne wɔn mma baanu te anigye mu.
Ebia obi bebisa sɛ, ‘Na sɛ mesan kɔyɛ bio nso ɛ?’ Ɔsomafo Yohane kaa biribi a ɛte saa ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Me mma nkumaa, merekyerɛw eyinom mabrɛ mo, na moanyɛ bɔne. Na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ okyigyinafo bi, agya no nkyɛn, ɔne ɔtreneeni Yesu Kristo. Na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn de ho nko, na mmom wiase nyinaa de ho bi.” (1 Yohane 2:1, 2) Yiw, Yesu afɔrebɔ no kata obi a wasakra na ofi nokwaredi mu bɔ mmɔden wɔ n’asetram yɛ nea ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani no mfomso so. Esiane nsiesiei a ɛte saa nti, dɛn ne ade a ntease wom a obi betumi agyina so aka sɛ obegyae mmɔden a ɔrebɔ sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ no?
Wobedi Akɔnnɔ Bɔne So Nkonim
Mprempren mpo, sɛ yenya ɔdɔ ma Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa na sɛ yɛde mmoa a Onyankopɔn de ma no di dwuma a, yebetumi adi akɔnnɔ bɔne so nkonim. Bio nso, Onyankopɔn Asɛm no ma yɛn awerɛhyem sɛ saa apereperedi yi renkɔ so daa. Wɔ daakye a enni akyiri mu no, wɔbɛsa wɔn a wɔde Onyankopɔn honhom fam nsiesiei di dwuma no yare honhom ne honam fam korakora. (Adiyisɛm 21:3-5; 22:1, 2) Wɔbɛde wɔn ho afi adesoa a bɔne ne nea afi mu aba, owu, de abɛto wɔn so no ho. (Romafo 6:23) Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔn a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so de wɔn ho ahyɛ afideyɛ ne akɔnnɔ a ɛma afoforo di yaw mu no rennya saa nhyira no bi.—Adiyisɛm 22:15.
Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ yɛne akɔnnɔ bɔne nni apere afebɔɔ. Wobetu ase afi hɔ a ɛrensan mma bio koraa. Hwɛ sɛnea ɛbɛma yɛn ho atɔ yɛn afa!