Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb23 January kr. 16
  • Nkaedi No Reba, Enti Fa Botae Sisi W’ani So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaedi No Reba, Enti Fa Botae Sisi W’ani So
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Woasiesie Wo Ho Ama Da Titiriw a Ɛwɔ Afe No Mu No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Mmɔden a Yɛbɔ Sɛ Yɛbɛyɛ Nkaedi No, Yehowa Hyira So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Ma Nkaedi Bere Yi Nyɛ Anigye!
    Yɛn Ahenni Som—2014
  • Nkaedi Bere—Hokwan a Yɛde Bɛyɛ Pii!
    Yɛn Ahenni Som—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
mwb23 January kr. 16

KRISTOFO ABRABƆ

Nkaedi No Reba, Enti Fa Botae Sisi W’ani So

Afe biara, Yehowa nkurɔfo hwɛ kwan paa sɛ wɔbɛbom ayɛ Nkaedi no. Nnawɔtwe kakra ansa na Nkaedi no adu, ne nnawɔtwe kakra wɔ Nkaedi no akyi no, ɛyɛ a yenya hokwan soronko yi Yehowa ayɛ da no ase sɛ ɔde agyede no ama yɛn. (Efe 1:3, 7) Ebi ne sɛ, ɛyɛ a yefi yɛn komam to nsa frɛ nkurɔfo sɛ wɔmmra Nkaedi no bi. Yɛn mu bi nso tumi toto yɛn nneɛma yiye sɛnea ɛbɛyɛ a yɛde nnɔnhwerew 30 anaa 50 bɛyɛ akwampaefo boafo wɔ March anaa April mu. Afe yi, wobɛpɛ sɛ wode bere pii yɛ asɛnka adwuma no wɔ Nkaedi bere no mu anaa? Dɛn na ɛbɛboa wo ama woatumi ayɛ saa?

Mpɛn pii no, sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ biribi na yedi kan yɛ ho nhyehyɛe to hɔ a, ɛma yetumi yɛ no yiye. (Mme 21:5) Ɛrenkyɛ na Nkaedi bere no aso. Enti ɛnnɛ na ɛsɛ sɛ yefi ase yɛ ho nhyehyɛe to hɔ. Bisa wo ho sɛ, ‘Nneɛma bɛn na mepɛ sɛ meyɛ wɔ Nkaedi bere no mu na ama matumi ayɛ asɛnka adwuma no pii?’ ‘Ɛdɛn na meyɛ a, ɛbɛma matumi adu me botae no ho?’ Afei bɔ Yehowa mpae na srɛ no sɛ onhyira mmɔden a worebɔ no so.—1Yo 5:14, 15.

Wohwɛ a, nneɛma bɛn na saa na woyɛ a, ɛbɛboa ama woayɛ asɛnka adwuma no pii wɔ Nkaedi bere no mu?

Botae a esi m’ani so

Nea ɛsɛ sɛ meyɛ na ama madu me botae no ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena