Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w24 June kr. 20-25
  • Kae Sɛ Yehowa Ne “Onyankopɔn Teasefo” No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kae Sɛ Yehowa Ne “Onyankopɔn Teasefo” No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ONYANKOPƆN TEASEFO NO BƐHYƐ WO DEN
  • ONYANKOPƆN TEASEFO NO BETUA WO KA
  • NTWE WO HO MFI ONYANKOPƆN TEASEFO NO HO DA
  • Brɛ Wo Ho Ase Gye Tom Sɛ Ɛnyɛ Biribiara Na Wunim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Nsɛm a Mmarima Anokwafo Kae De Dii Nkra No, Sua Biribi Fi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Yɛrenyɛ Ankonam Da
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Wopɛ Sɛ Wusi Gyinae Bi a, Wobɛyɛ Dɛn Akyerɛ Sɛ Wode Wo Ho To Yehowa So?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
w24 June kr. 20-25

ADESUA ASƐM 25

DWOM 7 Yehowa, Yɛn Botan Kɛse

Kae Sɛ Yehowa Ne “Onyankopɔn Teasefo” No

“Yehowa te ase!”—DW. 18:46.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Sɛ yɛkae sɛ Onyankopɔn a yɛsom no no, ɔno ne “Onyankopɔn teasefo” no a, ɛboa yɛn paa.

1. Ɔhaw a Yehowa asomfo hyia nyinaa akyi no, dɛn na ɛboa wɔn ma wɔkɔ so som no?

BIBLE ka sɛ mmere a yɛte mu yi yɛ “mmere a emu yɛ den.” (2 Tim. 3:1) Ɔhaw a nnipa nyinaa hyia no, Yehowa asomfo nso hyia bi. Ɛno da nkyɛn a, nkurɔfo san sɔre tia yɛn na wɔtan yɛn ani. Ɔhaw yi nyinaa akyi no, dɛn na ɛboa yɛn ma yɛkɔ so som Yehowa? Ade titiriw a ɛboa yɛn ne sɛ, yɛabehu sɛ Yehowa ne “Onyankopɔn teasefo” no.—Yer. 10:10; 2 Tim. 1:12.

2. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa ne Onyankopɔn teasefo no?

2 Ɔhaw biara a yɛrehyia no, Yehowa ani tua, na wayɛ krado sɛ ɔbɛboa yɛn bere nyinaa. (2 Be. 16:9; Dw. 23:4) Sɛ yehu Yehowa sɛ ɔno ne Onyankopɔn teasefo no a, ɛbɛboa yɛn na sɛ yehyia sɔhwɛ bi a yɛatumi agyina ano. Momma yɛnhwɛ sɛnea Ɔhene Dawid hui sɛ saa asɛm yi yɛ nokware.

3. Bere a Dawid kaa sɛ “Yehowa te ase” no, dɛn na na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ?

3 Ná Dawid nim Yehowa, na ɔde ne ho too no so. Bere a Ɔhene Saul ne afoforo repɛ no akum no no, ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa no. (Dw. 18:6) Bere a Onyankopɔn buaa Dawid mpaebɔ na ogyee no no, ɔkaa sɛ: “Yehowa te ase!” (Dw. 18:46) Asɛm a Dawid kae no, dɛn na na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ? Nhoma bi ka sɛ, na Dawid pɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ ɔwɔ Yehowa mu ahotoso sɛ, “ɔyɛ onyame a ɔte ase a otwitwa gye ne nkurɔfo bere nyinaa.” Nea na Dawid afa mu wɔ n’asetena mu no ma ohui sɛ ne Nyankopɔn no te ase, na wei ma osii ne bo sɛ ɔbɛkɔ so asom Yehowa na wayi no ayɛ.—Dw. 18:​28, 29, 49.

4. Sɛ yehu sɛ Yehowa ne Onyankopɔn teasefo no a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

4 Sɛ yegye di sɛ Yehowa ne Onyankopɔn teasefo no a, ɛbɛboa yɛn ma yɛde nsi ne ahokeka asom no. Ɛbɛhyɛ yɛn den ma yɛagyina sɔhwɛ ano, na ɛbɛkanyan yɛn ma yɛakɔ so ayere yɛn ho wɔ Onyankopɔn som mu. Afei nso, ɛbɛma yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so abɛn no.

ONYANKOPƆN TEASEFO NO BƐHYƐ WO DEN

5. Sɛ yehyia sɔhwɛ a, dɛn na ebetumi ahyɛ yɛn den ma yɛagyina ano? (Filipifo 4:13)

5 Sɔhwɛ biara a yebehyia no, sɛ yɛkae sɛ Yehowa te ase na wayɛ krado sɛ ɔbɛboa yɛn a, yebetumi agyina ano. Ade yi, ɔhaw a yehyia no, emu biara nni hɔ a ɛso kyɛn Onyankopɔn. Ɔno ne ade nyinaa so Tumfoɔ no, na obetumi ama yɛn ahoɔden ma yɛde agyina ano. (Kenkan Filipifo 4:13.) Enti sɛ yɛrehyia sɔhwɛ a, wei hyɛ yɛn den ma yetumi gyina mu. Sɛ yehyia sɔhwɛ nketenkete na yehu sɛ Yehowa reboa yɛn a, ɛma yenya ahotoso sɛ, sɛ yehyia sɔhwɛ akɛse nso a, ɔbɛboa yɛn.

6. Bere a Dawid yɛ aberantewaa no, dɛn na esii a ɛma onyaa Yehowa mu ahotoso kɛse?

6 Momma yɛnhwɛ nea esii wɔ Dawid asetenam a ɛma onyaa Yehowa mu ahotoso kɛse. Bere a ɔyɛ aberantewaa a na ɔhwɛ ne papa nguan no, bere bi osisi bɛkyeree nguan no baako kɔe. Bere foforo nso, gyata bɛkyeree baako kɔe. Mprenu no nyinaa, Dawid nyaa akokoduru tiw mmoa no kogyee nguan no. Nanso wanhyɛ ne ho anuonyam, efisɛ na onim sɛ Yehowa na ɔmaa no ahoɔden ma otumi yɛɛ saa. (1 Sam. 17:​34-37) Nea esii no, Dawid amma ne werɛ amfi da. Odwinnwen ho, na wei ma onyaa Onyankopɔn teasefo no mu awerɛhyem sɛ, bere foforo nso sɛ ohyia ɔhaw a ɔbɛhyɛ no den.

7. Adwene a Dawid nyae bere a ɔne Goliat rekɔko no, sɛn na ɛboaa no?

7 Akyiri yi, bere a na Dawid da so ara yɛ aberantewaa no, ɔkɔɔ Israel asraafo no asoɛe hɔ. Ɔkɔe no, okohui sɛ Israel asraafo no abɔ hu, efisɛ na Filistini ɔbran bi a ne din de Goliat rekeka sɛ, ‘sɛ Israel asraafo se wɔyɛ mmarima a, wɔmma onhu.’ (1 Sam. 17:​10, 11) Nea ɛmaa asraafo no bɔɔ hu ne sɛ, Goliat tenten ne ne kɛse ne nsɛm a na ɔrekeka wɔ akono hɔ no, ɛno na wɔde wɔn adwene sii so. (1 Sam. 17:​24, 25) Nanso Dawid de, ɛnyɛ ɛno na ɔde n’adwene sii so. Nea na Goliat reyɛ no, Dawid amfa no sɛ ɛyɛ Israel asraafo no na ɔredi wɔn ho fɛw kɛkɛ, na mmom ohuu no sɛ na “ɔrebu Onyankopɔn teasefo no animtiaa wɔ akono” hɔ. (1 Sam. 17:26) Dawid de, Yehowa na ɔde n’adwene sii no so. Ná ogye di sɛ, sɛnea Onyankopɔn boaa no bere a na ɔyɛ oguanhwɛfo no, saa ara na obetwitwa agye no saa bere yi nso. Esiane sɛ na onim sɛ Onyankopɔn ka ne ho nti, ɔne Goliat de kɔfee so, na ampa-ne-ampa ara odii nkonim!—1 Sam. 17:​45-51.

8. Sɛ yɛrehyia sɔhwɛ a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛanya Yehowa mu ahotoso kɛse? (Hwɛ mfoni no nso.)

8 Yɛn nso, sɛ yɛkae sɛ Onyankopɔn teasefo no ayɛ krado sɛ ɔbɛboa yɛn a, sɔhwɛ biara a yebehyia no, yebetumi agyina ano. (Dw. 118:6) Sɛ yedwinnwen nea Yehowa ayɛ atwam no ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛanya ne mu ahotoso kɛse. Bible mu nsɛm a ɛka sɛnea Yehowa gyee n’asomfo tete no, kenkan ho asɛm. (Yes. 37:​17, 33-37) Afei nso, sɛ wokɔ jw.org a, sɛnea Yehowa boa yɛn nuanom nnɛ no, wubehu ho nsɛm anaa ɛho video, enti wubetumi akenkan anaa woahwɛ. Bio nso, kaakae sɛnea Yehowa twitwa gyee wo mmere bi a atwam no. Sɛ wonhyɛ da nkae ade kɛse bi a Yehowa ayɛ ama wo te sɛ nea ogyee Dawid fii osisi anaa gyata nsam no a, mma ɛnnhaw wo. Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa ayɛ nneɛma pii ama wo wɔ w’asetena mu. Watwe wo abɛn no, na wafa wo adamfo. (Yoh. 6:44) Ɛnnɛ mpo, Yehowa adaworoma nti na woda so ara wɔ nokware no mu. Mmere bi a Yehowa buaa wo mpaebɔ, ɔboaa wo bere a ɛsɛ mu, anaa otwitwa gyee wo wɔ w’ahohia da mu no, wubetumi asrɛ no sɛ ɔmmoa wo na kaakae. Sɛ wudwinnwen nsɛm a ɛte saa ho a, ɛbɛma woanya Yehowa mu ahotoso kɛse sɛ ɔbɛkɔ so aboa wo.

Anuanom mmienu bi a wɔda afiase te mpa so rebɔ nkɔmmɔ. Yɛhwɛ wɔn akyi hɔ a, yehu sɛ kaad, nkrataa, ne biribi a wɔadrɔ bobɔ ban no ho.

Nea yɛbɛyɛ wɔ sɔhwɛ ho no, ebetumi ama Yehowa ani agye anaa ne werɛ ahow (Hwɛ nkyekyɛm 8-9)


9. Sɛ yehyia sɔhwɛ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwene mu? (Mmebusɛm 27:11)

9 Sɛ yehyia sɔhwɛ a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si asɛm a ɛho hia paa no so. Ɔbonsam kyerɛ sɛ, sɛ yehyia ɔhaw anaa sɔhwɛ a, yebegyae Yehowa akyi di. Enti nea yɛbɛyɛ wɔ sɔhwɛ ho no, ebetumi ama Yehowa ani agye anaa ne werɛ ahow. (Hiob 1:​10, 11; kenkan Mmebusɛm 27:11.) Sɛ yɛkɔ so di Yehowa nokware bere a yɛrehyia sɔhwɛ a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ no, na yɛma ɛda adi sɛ Ɔbonsam yɛ ɔtorofo. Enti sɔhwɛ bɛn na worehyia? Baabi a wote no, aban no retan Yehowa asomfo ani, nkurɔfo ntie asɛmpa no, anaa biribi foforo na ɛreteetee wo? Sɛ saa a, kae sɛ wubetumi de saa hokwan no ama Yehowa koma atɔ ne yam. Afei nso kae sɛ, ɔremma wɔnsɔ wo nhwɛ ntra nea wubetumi. (1 Kor. 10:13) Ɔbɛhyɛ wo den ma woatumi agyina ano.

ONYANKOPƆN TEASEFO NO BETUA WO KA

10. Dɛn na Onyankopɔn teasefo no bɛyɛ ama wɔn a wɔsom no no?

10 Wɔn a wɔsom Yehowa no, otua wɔn ka. (Heb. 11:6) Ɛnnɛ, ɔma yenya asomdwoe ne akomatɔyam, na daakye nso ɔbɛma yɛanya daa nkwa. Yegye di sɛ Yehowa wɔ ɔpɛ ne tumi a ɔde betua yɛn ka, enti sɛ yɛde yɛn werɛ hyɛ ne mu a, yɛn nsa rensi fam da. Wei kanyan yɛn ma yɛyere yɛn ho wɔ Onyankopɔn som mu sɛnea n’asomfo anokwafo a wɔtenaa ase tete no yɛe no. Timoteo a ɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no, saa ara na ɔno nso yɛe.—Heb. 6:​10-12.

11. Dɛn na ɛkanyan Timoteo ma ɔyeree ne ho wɔ asafo no mu? (1 Timoteo 4:10)

11 Kenkan 1 Timoteo 4:10. Timoteo de ne werɛ hyɛɛ Onyankopɔn teasefo no mu. Ɛno nti ɔyeree ne ho yɛɛ Yehowa adwuma, na ɔboaa afoforo. Ɔsomafo Paul hyɛɛ no nkuran sɛ ɔnyere ne ho nkyerɛkyerɛ yiye wɔ asafo no mu ne asɛnka mu. Afei nso, na ɛsɛ sɛ Timoteo yɛ nhwɛso pa ma ne nuanom Kristofo nyinaa. Bio nso, Paul de adwumaden bi hyɛɛ Timoteo nsa; ɔka kyerɛɛ no sɛ, wɔn a ehia nteɛso no, ɛnsɛ sɛ ɔde kame wɔn, nanso na ɛsɛ sɛ ɔyɛ no ɔdɔ so. (1 Tim. 4:​11-16; 2 Tim. 4:​1-5) Adwumaden a na Timoteo reyɛ no, ɛtɔ da a na nkurɔfo nhu anaa na wɔnkyerɛ ho anisɔ, nanso na onim sɛ Yehowa betua no ka ɔkwan biara so.—Rom. 2:​6, 7.

12. Adɛn nti na asafo mu mpanyimfo yere wɔn ho yɛ adwumaden wɔ asafo no mu? (Hwɛ mfoni no nso.)

12 Ɛnnɛ nso, asafo mu mpanyimfo betumi anya awerɛhyem sɛ adwuma pa a wɔreyɛ no, Yehowa hu na n’ani sɔ. Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo srasra anuanom hyɛ wɔn nkuran, wɔkyerɛkyerɛ, na wɔyɛ asɛnka adwuma no. Wei da nkyɛn a, mpanyimfo pii san boa ma wɔsisi asafo adan, na atoyerɛnkyɛm nso si a, wɔhwɛ de mmoa ma anuanom. Ebinom nso ka Ayarefo Nsrahwɛ Akuw anaa Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no ho. Mpanyimfo a wɔtu wɔn ho ma yɛ saa nnwuma yi nim sɛ asafo no yɛ Yehowa dea, na ɛnyɛ nnipa dea. Wei nti, wɔfi wɔn kra nyinaa mu yɛ adwuma a ɛhyɛ wɔn nsa no, na wɔwɔ Onyankopɔn mu ahotoso kɛse sɛ obetua wɔn ka.—Kol. 3:​23, 24.

Ade asa, na asafo mu mpanyimfo mmienu afrɛ onuawa bi wɔ video kɔɔl so rehyɛ no nkuran. Mpanyimfo no mu baako rekenkan Bible. Nea ɔrekenkan Bible no, sɛ yɛhwɛ ne dan mu hɔ a, yehu sɛ ataade ne kyɛw a adansifo hyɛ sɛn ban no ho. Afei nso, kalenda a ɛbɔ ban no ho no, wuhu sɛ wahyehyɛ nnwuma pii wɔ so.

Sɛ woyere wo ho boa asafo no a, Onyankopɔn teasefo no betua wo ka (Hwɛ nkyekyɛm 12-13)


13. Mmɔden a obiara rebɔ wɔ Yehowa som mu no, sɛn na ohu no?

13 Ɛnyɛ obiara na obetumi abɛyɛ asafo mu panyin. Nanso yɛn nyinaa wɔ biribi a yebetumi de ama Yehowa. Yɛyɛ nea yebetumi nyinaa som Onyankopɔn a, n’ani sɔ paa. Yeyi ntoboa de boa wiase nyinaa adwuma no na sɛ esua mpo a, ohu. Ebia fɛre nti, ɛyɛ den sɛ yɛbɛma yɛn nsa so ama mmuae wɔ adesua ase, nanso sɛ yɛyere yɛn ho ma mmuae a, ɛma n’ani gye. Afei nso, sɛ obi yɛ yɛn bɔne na yebu yɛn ani gu so de kyɛ no a, Yehowa di ahurusi. Sɛ wote nka sɛ nea woyɛ ma Yehowa no nyɛ ahe biara mpo a, nya awerɛhyem sɛ ɛsom bo ma no. Ɔdɔ wo paa, na obetua wo ka.—Luka 21:​1-4.

NTWE WO HO MFI ONYANKOPƆN TEASEFO NO HO DA

14. Sɛ yɛfa Yehowa adamfo denneennen a, sɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so adi no nokware? (Hwɛ mfoni no nso.)

14 Sɛ Yehowa yɛ yɛn adamfo paa a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛbɛkɔ so asom no. Nea Yosef yɛe no ma yehu sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Esiane sɛ na ɔne Onyankopɔn afa adamfo denneennen nti, ɔtwee ne ho fii aguamammɔ ho, efisɛ na ɔmpɛ sɛ ɔbɛyɛ biribiara a ɛnsɔ n’ani. (Gen. 39:9) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛne Yehowa ayɔnkofa mu yɛ den a, ɛsɛ sɛ yegye bere bɔ mpae na yesua n’Asɛm Bible no. Yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛne Yehowa ntam akɔ so ayɛ kama. Sɛ yesuasua Yosef na yɛne Yehowa fa adamfo denneennen a, yɛrenyɛ biribiara a ɔmpɛ da.—Yak. 4:8.

Onua aberantewa bi wɔ sukuu mu, na ne mfɛfo sukuufo no bi rehwɛ biribi wɔ fon so. Nanso onua no adan ne ho rekɔ.

Sɛ wo ne Onyankopɔn fa adamfo denneennen a, ɛbɛboa wo ma woakɔ so asom no (Hwɛ nkyekyɛm 14-15)


15. Nea Israelfo no yɛe bere a na wɔnam sare no so no, dɛn na yebetumi asua afi mu? (Hebrifo 3:12)

15 Sɛ yɛma yɛn werɛ fi sɛ Yehowa ne Onyankopɔn teasefo no a, ɛrenyɛ den koraa sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi ne ho. Momma yɛnhwɛ nea Israelfo no yɛe bere a na wɔnam sare no so no. Ná wɔnim paa sɛ Yehowa wɔ hɔ, nanso eduu baabi no, na wɔnnye nni sɛ ɔbɛma wɔn nea wɔhia. Wobisae mpo sɛ: “Yehowa wɔ yɛn mu anaa onni yɛn mu?” (Ex. 17:​2, 7) Ɛno akyi no, wɔtew Onyankopɔn so atua. Yɛmpɛ sɛ yesuasua asoɔden a wɔyɛe no koraa; nea ɛtoo wɔn no yɛ kɔkɔbɔ ma yɛn.—Kenkan Hebrifo 3:12.

16. Dɛn na ebetumi asɔ yɛn gyidi ahwɛ?

16 Wiase a yɛte mu yi, ɛma ɛyɛ den sɛ yɛbɛkɔ so abata Yehowa ho. Nnipa bebree nnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Wɔn a wɔmfa Onyankopɔn mmara nyɛ hwee no, asɛ wɔn na wɔtaa di yiye. Sɛ yehu saa a, ebetumi asɔ yɛn gyidi ahwɛ. Ɛwom, yɛn de, yegye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, nanso anhwɛ a yebefi ase anya adwene sɛ, sɛ yehyia ɔhaw a ɔremmoa yɛn. Bere bi, nea ɔkyerɛw Dwom 73 no nyaa adwene a ɛte saa. Ohui sɛ wɔn a atwa ne ho ahyia no mfa Onyankopɔn mmara nyɛ hwee, nanso na nneɛma kɔ yiye ma wɔn. Ɛno nti, ɛma onyaa adwene sɛ gyama mfaso nni so sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn.—Dw. 73:​11-13.

17. Dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛantwe yɛn ho amfi Yehowa ho da?

17 Awiei koraa no, dɛn na ɛboaa odwontofo no ma ɔtenee n’adwene? Nea ɛbɛto wɔn a wɔtwe wɔn ho fi Yehowa ho no, odwinnwen ho. (Dw. 73:​18, 19, 27) Afei nso, sɛ obi som Onyankopɔn a, nhyira a onya no, odwinnwen ho. (Dw. 73:24) Yɛn nso, nhyira a Yehowa ahwie agu yɛn so no, yebetumi adwinnwen ho. Sɛ yɛnsom Yehowa a, wo de, hwɛ sɛnea anka yɛn asetena bɛyɛ! Sɛ yedwinnwen nneɛma ho sei a, ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so adi Yehowa nokware na yɛaka asɛm a odwontofo no kae no bi. Ɔkaa sɛ: “Me de, eye ma me sɛ mɛbɛn Onyankopɔn.”—Dw. 73:28.

18. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesuro nea ebesi daakye?

18 Sɔhwɛ biara a yebehyia wɔ awiei mmere yi mu no, yebetumi agyina ano, efisɛ ‘yɛsom Onyankopɔn teasefo ne ɔnokwafo no.’ (1 Tes. 1:9) Yenim sɛ yɛn Nyankopɔn no wɔ hɔ na odwen yɛn ho, na ɔbɛboa yɛn bere nyinaa. Tete no, ɔboaa n’asomfo, na ɛnnɛ nso, ɔka yɛn ho. Ɛrenkyɛ koraa, ahohiahia kɛse a ebi mmaa asaase so da bɛba. Nanso yɛn ani renyɛ yɛn totɔtotɔ. (Yes. 41:10) Momma yɛn nyinaa ‘nnya akokoduru nka sɛ: “Yehowa ne me boafo; merensuro.”’—Heb. 13:​5, 6.

SƐ WOKAE SƐ YEHOWA NE “ONYANKOPƆN TEASEFO” NO A, SƐN NA . . .

  • ɛbɛhyɛ wo den?

  • ɛbɛma woanya awerɛhyem sɛ obetua wo ka?

  • ɛbɛboa wo ma woakɔ so ne no afa adamfo denneennen?

DWOM 3 Yɛn Ahoɔden, Yɛn Anidaso ne Yɛn Ahotoso

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena