Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w25 April kr. 20-25
  • Yɛrenyɛ Ankonam Da

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛrenyɛ Ankonam Da
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • YEHOWA KYERƐ YƐN KWAN
  • YEHOWA MA YƐN NEA YEHIA
  • ƆBƆ YƐN HO BAN
  • YEHOWA KYEKYE YƐN WERƐ
  • YEHOWA WƆ HƆ MA YƐN BERE NYINAA
  • Kae Sɛ Yehowa Ne “Onyankopɔn Teasefo” No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • ‘Wɔn a Wɔn Koma Abubu No, Yehowa Sa Wɔn Yare’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Kyɛ Ade Na Nya Anigye Pii
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Brɛ Wo Ho Ase Gye Tom Sɛ Ɛnyɛ Biribiara Na Wunim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
w25 April kr. 20-25

ADESUA ASƐM 17

DWOM 99 Anuanom Mpempem Bebree

Yɛrenyɛ Ankonam Da

“Mɛboa wo.” —YES. 41:10.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Akwan nnan a Yehowa fa so hwɛ yɛn.

1-2. (a) Sɛ yehyia sɔhwɛ a, adɛn nti na yebetumi aka sɛ yɛrenyɛ ankonam da? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

SƐ YEHYIA sɔhwɛ a ani sõsõ a, yebetumi ate nka te sɛ nea yɛn nko ara yɛte ɔkorow ketewa bi mu nam po so, na mframa rebɔ denneennen. Nanso yebetumi aka sɛ yɛnyɛ ankonam, efisɛ yɛn soro Agya no ani tua ɔhaw a yɛrefa mu no, na wahyɛ bɔ nso sɛ ɔbɛboa yɛn ma yɛagyina ano. Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ ‘ɔbɛboa yɛn.’—Yes. 41:10.

2 Adesua yi bɛma yɛahu akwan a Yehowa fa so boa yɛn: (1) Ɔkyerɛ yɛn kwan, (2) ɔma yɛn nea yehia, (3) ɔbɔ yɛn ho ban, na (4) ɔkyekye yɛn werɛ. Yehowa ma yɛn awerɛhyem sɛ ɛmfa ho ɔhaw biara a yebehyia wɔ asetena mu no, ɔrennyaa yɛn mu da, na ɔrennan n’akyi nkyerɛ yɛn da. Enti yɛrenyɛ ankonam da.

YEHOWA KYERƐ YƐN KWAN

3-4. Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so kyerɛ yɛn kwan? (Dwom 48:14)

3 Kenkan Dwom 48:14. Yehowa nhwɛ kwan sɛ yɛn ara yɛbɛkyerɛ yɛn ho kwan. Ɔkwan bɛn na ɔfa so kyerɛ n’asomfo anokwafo kwan nnɛ? Ɔkwan baako ne sɛ ɔfa Bible no so. (Dw. 119:105) Ɔnam n’Asɛm no so boa yɛn ma yesisi gyinae pa. Afei nso, ɔnam so boa yɛn ma yenya suban a ɛbɛma yɛn ani agye nnɛ, na daakye nso yɛatena ase afebɔɔ.a Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɔkyerɛkyerɛ yɛn sɛ mma yennya nkurɔfo ho menasepɔw, yenni nokware wɔ biribiara mu, na yemfi yɛn komam nnɔ afoforo denneennen. (Dw. 37:8; Heb. 13:18; 1 Pet. 1:22) Sɛ yɛda suban pa a ɛte saa adi a, ɛma yɛyɛ awofo pa, okunu pa anaa ɔyere pa, na ɛma yɛne yɛn nnamfo ntam yɛ kama.

4 Bio nso, Yehowa ama wɔakyerɛw nnipa binom ho nsɛm wɔ Bible no mu ama yɛn. Sɔhwɛ a ɛnnɛ yehyia no, wɔn nso hyiaa bi, na na wɔwɔ atenka te sɛ yɛn ara. (1 Kor. 10:13; Yak. 5:17) Sɛ yɛkenkan saa nkurɔfo yi asetenam nsɛm na yɛde nea yesua fi mu no bɔ yɛn bra a, anyɛ yiye koraa no ɛboa yɛn wɔ akwan mmienu so. Nea edi kan, ɛma yehu sɛ, ɛnyɛ yɛn nko ara na yɛrehyia sɔhwɛ; afoforo nso ahyia yɛn sɔhwɛ no bi pɛn, na Yehowa boaa wɔn ma wɔtumi gyinaa mu. (1 Pet. 5:9) Nea ɛtɔ so mmienu, ɛma yehu sɛnea yebegyina yɛn sɔhwɛ ano.—Rom. 15:4.

5. Henanom na Yehowa nam wɔn so kyerɛ yɛn kwan?

5 Yɛn nuanom Kristofo nso, Yehowa nam wɔn so kyerɛ yɛn kwan.b Yɛbɛyɛ nhwɛso a, amansin so ahwɛfo taa srasra nsafo ahorow hyɛ anuanom nkuran. Ɔkasa ahorow a wɔma hyɛ yɛn nkuran, na ɛboa ma yɛn nyinaa kɔ so yɛ baako. (Aso. 15:40–16:5) Asafo mu mpanyimfo nso ani ku ɔdawurubɔfo biara ho. (1 Pet. 5:​2, 3) Awofo nso kyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔdɔ Yehowa, wɔboa wɔn ma wɔhu sɛnea wɔbesisi gyinae pa, na wɔboa wɔn ma wɔnya suban pa. (Mmeb. 22:6) Afei nso Kristofo mmea a wɔn ho akokwaw boa anuanom mmabaa; wɔyɛ nhwɛso pa ma wɔn, wɔtu wɔn fo, na wɔhyɛ wɔn nkuran.—Tito 2:​3-5.

6. Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma yɛanya Yehowa akwankyerɛ so mfaso?

6 Akwankyerɛ biara a yehia no, Yehowa de ama yɛn. Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma yɛanya so mfaso? Mmebusɛm 3:​5, 6 ka sɛ: “Fa wo koma nyinaa to Yehowa so, na mfa wo ho nto w’ankasa wo ntease so.” Yɛyɛ saa a, ‘ɔbɛma yɛn akwan ateɛ.’ Wei kyerɛ sɛ ɔbɛboa yɛn ma yɛakwati ɔhaw pii, na yɛn ani begye yiye wɔ yɛn asetenam. Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ Yehowa dɔ yɛn, na ɔma yɛn mu biara afotu a ɛbɛboa yɛn.—Dw. 32:8.

YEHOWA MA YƐN NEA YEHIA

7. Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so ma yɛn nea yehia? (Filipifo 4:19)

7 Kenkan Filipifo 4:19. Akwankyerɛ a Yehowa de ma yɛn wɔ honhom fam no da nkyɛn a, ɔboa yɛn ma yɛn nsa ka nea yebedi, nea yɛbɛhyɛ ne baabi a yɛde yɛn ti bɛto. (Mat. 6:33; 2 Tes. 3:12) Ɛnyɛ bɔne sɛ yebedwen yɛn ahiade ho, nanso Yehowa hyɛ yɛn nkuran sɛ, ɛnsɛ sɛ yedwinnwen nneɛma a ɛte saa ho boro so. (Mat. 6:25) Adɛn ntia? Efisɛ, sɛ biribi hia yɛn a, ɛnyɛ ade a yɛn soro Agya no bɛdan n’akyi akyerɛ yɛn da. (Mat. 6:8; Heb. 13:5) Sɛ Yehowa ka sɛ ɔbɛma yɛn nea yehia a, ɛsɛ sɛ yegye no di.

8. Dɛn na Yehowa yɛ maa Dawid?

8 Yɛnhwɛ sɛnea Yehowa boaa Dawid. Bere a Saul repɛ no akum no a na ɔreguan apere ne nkwa no, Yehowa maa ɔne ne mmarima no nea wɔhia. Bere a Dawid redwinnwen mmoa a Yehowa de maa no saa bere no ho no, ɔkaa sɛ: “Ná meyɛ abofra, na afei mabɔ akwakoraa, nanso minhuu sɛ Onyankopɔn apo ɔtreneeni anaasɛ n’asefo srɛsrɛ aduan.” (Dw. 37:25) Wo nso, ebia woahu sɛnea Yehowa yi ne yam boa n’asomfo a wɔakɔ ahokyere mu no.

9. Ɛnnɛ, sɛ atoyerɛnkyɛm si a, ɔkwan bɛn na Yehowa fa so boa ne nkurɔfo? (Hwɛ mfoni no nso.)

9 Sɛ atoyerɛnkyɛm si nso a, Yehowa ma ne nkurɔfo nea wɔhia. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɔkɔm kɛse bi sii wɔ Yerusalem wɔ asomafo no bere so. Ɛbaa saa no, Kristofo a wɔtete mmeae ahorow kɔyɛɛ wɔn nuanom a na wɔakɔ ahokyere mu no mmoa. (Aso. 11:​27-30; Rom. 15:​25, 26) Ɛnnɛ nso, saa ara na Onyankopɔn asomfo yɛ. Sɛ atoyerɛnkyɛm bi si a, Yehowa kanyan ne nkurɔfo ma wɔde nnuan, nsu, ntaade ne nnuru kɔma wɔn nuanom a wɔn ho akam no. Anuanom a wɔsisi asafo adan siesie anuanom afie ne Ahenni Asa a asɛesɛe no. Sɛ anuanom bi hwere wɔn agyapade anaa wɔn dɔfo bi a, Yehowa asomfo yɛ ntɛm kɔhyɛ wɔn nkuran kyekye wɔn werɛ.c

Mfoni: Atoyerɛnkyɛm bi asi wɔ Malawi, na anuanom a ɛwɔ hɔ no nsa aka nnuan ne nneɛma a wɔhia ne nkuranhyɛ. 1. Nsu ayiri afa mmeae bebree. 2. Onua Gage Fleegle ne anuanom rekasa. 3. Anuanom mmarima reyi nnuan afi kar bi mu.

Sɛ atoyerɛnkyɛm si a, ɔkwan bɛn na Yehowa fa so kyekye yɛn werɛ? (Hwɛ nkyekyɛm 9)e


10-11. Dɛn na wusua fi Borys asɛm no mu?

10 Wɔn a wɔnsom Yehowa no mpo, oyi ne yam de nea wɔhia ma wɔn. Enti yɛn nso, wɔn a wɔnyɛ Adansefo no, yɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so ayɛ wɔn papa. (Gal. 6:10) Wei tumi yɛ adansedi kɛse. Momma yɛnhwɛ sukuu panyin bi a ɔwɔ Ukraine a ne din de Borys. Ɛwom sɛ na ɔnyɛ Yehowa Danseni, nanso Adansefo a ɛwɔ ne sukuu mu no, bere nyinaa na ɔne wɔn di no yiye, na na ɔnkasa ntia wɔn gyidi. Esiane sɛ na ɔko no gyina mu wɔ baabi a na ɔwɔ no nti, oguan kɔɔ baabi foforo wɔ ɔman no mu a ahobammɔ wɔ, na anuanom boaa no. Akyiri yi, Borys kɔɔ Nkaedi no bi. Obu kɔmpɔ hwɛ n’akyi a ɔka sɛ: “Adansefo no yii wɔn yam hwɛɛ me, na biribiara a mihia no, wɔde maa me. Meda Yehowa Adansefo ase.”

11 Yɛn nso, wɔn a wɔhia mmoa no, sɛ wɔyɛ Adansefo oo, sɛ wɔnyɛ bi oo, yebetumi asuasua yɛn soro Agya a ne mmɔborɔhunu dɔɔso no, na yɛayi ɔdɔ adi akyerɛ wɔn. (Luka 6:​31, 36) Yɛn mpaebɔ ne sɛ, ɔdɔ a ɛte saa a yebeyi no adi akyerɛ wɔn no, ɛbɛkanyan wɔn ma wɔabɛyɛ Kristo asuafo. (1 Pet. 2:12) Amma saa mpo a, yɛn ani betumi agye, efisɛ ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.—Aso. 20:35.

ƆBƆ YƐN HO BAN

12. Sɛn na Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban sɛ kuw? (Dwom 91:​1, 2, 14)

12 Kenkan Dwom 91:​1, 2, 14. Ɛnnɛ, Yehowa hyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban wɔ honhom fam. Ɔremma Satan kwan mma ɔnnsɛe nokwaresom da. (Yoh. 17:15) Sɛ “ahohiahia kɛse” no pae gu a, yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ Yehowa bedi ne bɔhyɛ so, na wabɔ ne nkurɔfo ho ban wɔ honhom fam ne honam fam nso.—Adi. 7:​9, 14.

13. Akwan bɛn na Yehowa fa so bɔ yɛn ho ban sɛ ankorankoro?

13 Ahobammɔ bɛn na Yehowa de ma yɛn sɛ ankorankoro? Yehowa nam Kyerɛwnsɛm no so boa yɛn ma yehu papa ne bɔne. (Heb. 5:14) Sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm bɔ yɛn bra a, ɛbɔ yɛn ho ban na yɛanyɛ biribiara a ɛbɛsɛe yɛne Yehowa ntam. Afei nso, ɛboa yɛn ma yenya anigye ne apɔwmuden. (Dw. 91:4) Bio, Yehowa fa asafo no so bɔ yɛn ho ban. (Yes. 32:​1, 2) Yɛn nuanom a ɛwɔ asafo no mu no dɔ Yehowa, na wɔde Bible mu afotu bɔ wɔn bra. Enti sɛ yɛne wɔn bɔ wɔ adesua ase, asɛnka mu, ne bere a yɛregye yɛn ani a, ɛhyɛ yɛn nkuran na ɛboa yɛn ma yɛtwe yɛn ho fi bɔne ho.—Mmeb. 13:20.

14. (a) Sɔhwɛ a yehyia no, adɛn nti na Yehowa nyi yɛn mfi ne nyinaa mu? (b) Awerɛhyem bɛn na Dwom 9:10 ma yenya? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

14 Tete no, ɛtɔ da a na Yehowa bɔ ne nkurɔfo ho ban fi asiane ho. Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na na ɔyɛ saa. Ɛtɔ da a, ‘asiane to yɛn bere a yɛnhwɛ kwan.’ (Ɔsɛnk. 9:11) Yɛhwɛ abakɔsɛm mu a, yebehu sɛ efi teteete nyinaa, Yehowa ama kwan ma nkurɔfo atan n’asomfo bi ani, na wɔakum wɔn mu binom mpo, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛda adi sɛ Satan yɛ ɔtorofo. (Hiob 2:​4-6; Mat. 23:34) Ɛnnɛ nso, saa ara na ɛte. Ɛwom, ɔhaw a yɛrehyia no, ebia Yehowa renyi mfi hɔ, nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔrennan n’akyi nkyerɛ yɛn da.d—Dw. 9:10.

YEHOWA KYEKYE YƐN WERƐ

15. Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ, Onyankopɔn Asɛm ne yɛn nuanom Kristofo kyekye yɛn werɛ? (2 Korintofo 1:​3, 4)

15 Kenkan 2 Korintofo 1:​3, 4. Ɛtɔ da a, awerɛhow ne adwinnwen tumi teetee yɛn. Yɛrekasa yi, ebia ɔhaw bi reteetee wo ara ma wote nka sɛ ɔboafo nni baabiara. Wohwɛ a, obi te nea worefa mu no ase anaa? Yehowa te wo ase. Yaw a yɛrefa mu no, ɛnyɛ sɛ onim kɛkɛ, na mmom “ɔkyekye yɛn werɛ wɔ yɛn amanehunu nyinaa mu.” Ɔyɛ no sɛn? Sɛ yɛde nkotosrɛ kɔ Yehowa anim a, ɔma yɛn ‘n’asomdwoe a ɛboro ntease nyinaa so’ no. (Filip. 4:​6, 7) Afei nso, Yehowa nsɛm a ɔnam Bible no so ka kyerɛ yɛn no, sɛ yɛkenkan a, ɛkyekye yɛn werɛ. Bible no ma yehu sɛ Yehowa dɔ yɛn paa. Emu nsɛm no ma yehu nyansa, na ɛma yenya anidaso. Enti sɛ yɛkenkan a, ɛbɛhyɛ yɛn nkuran. Yɛkɔ adesua nso a, yenya awerɛkyekye, efisɛ yetumi ne yɛn nuanom Kristofo bɔ, na yetie Bible mu nsɛm a ɛhyɛ nkuran.

16. Dɛn na wusua fi Nathan ne Priscilla suahu no mu?

16 Sɛnea Yehowa nam n’Asɛm no so kyekye yɛn werɛ na ɔhyɛ yɛn nkuran no, momma yɛmfa Nathan ne Priscilla a wɔte United States no suahu nkyerɛkyerɛ mu. Mfe bi a atwam no, wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbetu akɔ baabi a wɔhia adawurubɔfo pii. Nathan ka sɛ, “Anammɔn a yetui no, na yegye di sɛ Yehowa behyira so.” Nanso, wɔkoduu baabi a wɔrekɔ no, yare bi a wɔnhwɛ kwan fii ase tetee wɔn, na wɔn sikasɛm nso yɛ basaa. Ewiee ase no, awarefo no san kɔɔ wɔn nkyi, na wɔn sikasɛm no nso anyɛ yiye. Nathan ka sɛ, “Sɛnea na yɛhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɛboa yɛn no, asɛ manhu no saa. M’adwene yɛɛ me sɛ gyama mayɛ bɔne bi mpo.” Nanso bere bi akyi no, Nathan ne Priscilla hui sɛ, sɛɛ na Onyankopɔn nyii wɔn baako nhyɛɛ wɔn nsa. Nathan ka sɛ: “Saa mmere bɔne no mu no, Bible no bɛyɛe sɛ adamfo bi a ɔhyɛ yɛn nkuran na ɔkyerɛ yɛn kwan. Sɛ́ anka yɛbɛma ɔhaw a yɛrehyia no abu yɛn abam no, mmoa a na Yehowa de rema yɛn no, ɛno mmom na yɛde yɛn adwene sii so. Wei nti, yegye di sɛ ɔhaw biara a yebehyia daakye no, Yehowa bɛboa yɛn.”

17. Awerɛkyekye bɛn na onuawa bi a ne din de Helga nyae? (Hwɛ mfoni no nso.)

17 Yɛn nuanom nso betumi akyekye yɛn werɛ. Ɔkwan bɛn so? Yɛnhwɛ onuawa bi a ne din de Helga a ɔte Hungary. Ɔfaa ɔhaw bebree mu mfe pii, na wei maa adwinnwen hyɛɛ ne so, na ɔtee nka sɛ ɔnsɛ hwee. Nanso sɛ ɔhwɛ n’akyi a, ohu sɛ Yehowa nam asafo no so kyekyee ne werɛ. Ɔkaa sɛ: “M’adwuma, me ba a ɔyaree a na merehwɛ no, ne sɔhwɛ afoforo a mihyiae nti, meyɛɛ hahaaha, nanso ne nyinaa mu no, Yehowa kɔɔ so boaa me. Ɛbɔ a Yehowa ahyɛ sɛ ɔbɛkyekye me werɛ no, mfe 30 ni, da koro koraa nni hɔ a wanni so. Mpɛn pii no, ɔnam nsɛmdɛ ne awerɛkyekyesɛm a nkurɔfo ka so hyɛ me den. Mpɛn pii no, bere a mihia awerɛkyekye paa no, mɛhwɛ no na obi asɛnde me tɛs mɛsegye, akyerɛw kaad abrɛ me, anaa obi akamfo me.”

Mfoni: Onua bi a ne mfe akɔ anim anya awerɛkyekye afi anuanom hɔ. 1. Ɔrehwɛ mfoni ahorow a mmofra bi adrɔdrɔ abrɛ no. 2. Onua bi rekyerɛw tɛs mɛsegye akɔma no. 3. Awarefo bi de pizza rebrɛ no, na wɔadi gua aka ho. 4. Onua bi refrɛ no wɔ fon so. 5. Abaayewa bi redrɔ gyata a ɔwɔ Paradise de akɔma no.

Sɛn na ebia Yehowa bɛfa wo so akyekye afoforo werɛ? (Hwɛ nkyekyɛm 17)


18. Yɛbɛyɛ dɛn akyekye afoforo werɛ?

18 Yɛanya hokwan sɛ yɛbɛkyekye afoforo werɛ de asuasua Onyankopɔn. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Yebetumi ato yɛn bo ase atie wɔn, akyekye wɔn werɛ, na yɛayɛ nneɛma pii de aboa wɔn. (Mmeb. 3:27) Wɔn a wɔrehu amane no, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkyekye wɔn werɛ; wɔn a wɔnnya mmɛsom Onyankopɔn mpo ka ho. Wɔn a ɛte bɛn yɛn no nso, sɛ ade tɔ wɔn mu bi ani, sɛ wɔyare, anaa adwinnwen hyɛ wɔn so a, yɛkɔsra wɔn, yɛyɛ aso tie wɔn, na yɛka Bible mu asɛm de hyɛ wɔn nkuran. Sɛ yesuasua Yehowa, “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn no” a, yebetumi aboa yɛn nuanom Kristofo ma wɔagyina wɔn sɔhwɛ ano. Afei nso, ebia yebetumi aboa wɔn a wɔnsom Onyankopɔn no ma wɔn ani agye ho sɛ wɔbesua ne ho ade.—Mat. 5:16.

YEHOWA WƆ HƆ MA YƐN BERE NYINAA

19. Dɛn na Yehowa yɛ ma yɛn, na dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua no?

19 Wɔn a wɔdɔ Yehowa nyinaa, odwen wɔn ho paa. Sɛ yɛrehu amane a, ɔntow yɛn agyaagyaamu. Sɛnea ɔwofo yi ne yam hwɛ ne ba no, Yehowa nso yi ne yam hwɛ n’asomfo anokwafo. Ɔkyerɛ yɛn kwan, ɔma yɛn nea yehia, ɔbɔ yɛn ho ban, na ɔkyekye yɛn werɛ. Sɛ afoforo rehu amane na yɛboa wɔn hyɛ wɔn nkuran a, ɛkyerɛ sɛ yɛresuasua Yehowa, yɛn soro Agya no. Ɛwom sɛ ɔhaw ne amane betumi ateetee yɛn, nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ka yɛn ho. Ade yi, wahyɛ yɛn bɔ sɛ: “Nsuro, efisɛ meka wo ho.” (Yes. 41:10) Wei yɛ awerɛkyekyesɛm paa! Anokwa, yɛrenyɛ ankonam da.

AKWAN BƐN NA YEHOWA FA SO . . .

  • kyerɛ yɛn kwan?

  • ma yɛn nea yehia?

  • bɔ yɛn ho ban na ɔkyekye yɛn werɛ?

DWOM 100 Som Wɔn Hɔho

a Hwɛ asɛm a yɛato din “Sisi Gyinae a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam” no. Ɛwɔ April 15, 2011 Ɔwɛn-Aban mu.

b Asɛm a yɛato din “Kɔ So Di Yehowa Akwankyerɛ So,” a ɛwɔ February 2024 Ɔwɛn-Aban mu no, hwɛ nkyekyɛm 11-14.

c Sɛ wokɔ jw.org na wobɔ “atoyerɛnkyɛm” hyɛ search afã hɔ a, nnansa yi, mmoa a yɛde ama anuanom bere a atoyerɛnkyɛm bi asi no, wubehu bi.

d Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ February 2017 Ɔwɛn-Aban no mu no.

e MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Atoyerɛnkyɛm bi sii wɔ Malawi, na ɛno akyi no, anuanom de nnuan ne nneɛma kɔmaa anuanom a ɛwɔ hɔ no. Afei nso, Yehowa nam n’asafo no so kyekyee wɔn werɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena