Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w24 September kr. 19
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Yesu Somaa Asuafo 70 sɛ Wɔnkɔka Asɛmpa
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Yesu Nkradi Nsɛm no a Wotiei
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • “Monkae Saa Da Yi”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
w24 September kr. 19
Yesu ne n’asomafo redi Awurade Anwummere Aduan no.

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Bere a Yesu ne n’asomafo no dii Awurade Anwummere Aduan no, asuafo 70 a bere bi ɔsomaa wɔn ma wɔkɔkaa asɛmpa no, ɛhe na na wɔwɔ? Ná wɔagyae n’akyi di anaa?

Ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ bere a Yesu ne asomafo no dii Awurade Anwummere Aduan no, esiane sɛ na asuafo 70 no nni hɔ nti, ɛkyerɛ sɛ na wɔagyae Yesu akyi di anaa Yesu nnye wɔn ntom bio. Nea ɛwom ara ne sɛ, na Yesu pɛ sɛ ɔne n’asomafo no nko ara hyiam saa bere no.

Asomafo 12 no ne asuafo 70 no nyinaa, na Yesu gye wɔn tom. Ná Yesu asuafo dɔɔso. Odii kan paw wɔn mu mmarima 12, na ɔfrɛɛ wɔn asomafo. (Luka 6:​12-16) Bere a “ɔfrɛɛ Dumien no,” na ɔwɔ Galilea, na “ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm na wɔnsa yare.” (Luka 9:​1-6) Akyiri yi, bere a Yesu wɔ Yudea no, ‘ɔpaw asuafo 70 foforo, na ɔsomaa wɔn baanu baanu.’ (Luka 9:51; 10:1) Wei ma yehu sɛ, na Yesu wɔ akyidifo wɔ mmeaemmeae a na wɔreka ne ho asɛmpa akyerɛ nkurɔfo.

Yudafo a wɔbɛyɛɛ Yesu asuafo no, ɛnyɛ dɛn ara a na afe biara wɔbedi Twam Afahyɛ no, na ebia na wɔne wɔn mmusua na ebedi. (Ex. 12:​6-11, 17-20) Aka kakra ama Yesu awu no, ɔne n’asomafo no kɔɔ Yerusalem. Nanso wamfrɛfrɛ n’asuafo a wɔwɔ Yudea, Galilea, ne Perea no sɛ wɔn nyinaa mmra mma wɔnni Twam Afahyɛ no. Wei ma yehu sɛ, saa bere yi de, na Yesu pɛ sɛ ɔne n’asomafo no nko ara na ehyiam. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mepɛ paa sɛ me ne mo di Twam yi ansa na mahu amane.”—Luka 22:15.

Biribi titiriw bi nti na Yesu yɛɛ saa. Ná ɛrenkyɛ na Yesu awu sɛ ‘Onyankopɔn Guammaa a oyi wiase bɔne fi hɔ.’ (Yoh. 1:29) Ná obewu wɔ Yerusalem, efisɛ efi tete nyinaa, ɛhɔ na na wɔbɔ afɔre ma Onyankopɔn. Oguammaa a na Israelfo no de di Twam Afahyɛ no, na ɛkae wɔn sɛ Yehowa gyee wɔn fii Egypt. Nanso Yesu wu no de, dwuma a ebedi no, na ɛso sen saa, efisɛ na ebegye nnipa nyinaa afi bɔne ne owu mu! (1 Kor. 5:​7, 8) Afei nso, wɔn a na wɔbɛyɛ Kristofo asafo no fapem no, na Yesu wu no bɛma Dumien no anya hokwan abɛka ho. (Efe. 2:​20-22) Yɛreka yi nso, Yerusalem kurow kronkron no wɔ “fapem 12,” na wɔakyerɛkyerɛw “Oguammaa no asomafo 12 no din 12 no wɔ so.” (Adi. 21:​10-14) Wei kyerɛ sɛ, na asomafo anokwafo no bedi dwuma soronko bi ama Onyankopɔn atirimpɔw aba mu. Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ na Yesu pɛ sɛ wɔka ne ho ma wɔdi Twam Afahyɛ a etwa to no, na wɔwie ara pɛ a wɔadi Awurade Anwummere Aduan no.

Awurade Anwummere Aduan a Yesu ne n’asomafo no dii no, ɛwom sɛ na asuafo 70 no ne asuafo a aka no nni hɔ. Nanso na asuafo anokwafo nyinaa benya Awurade Anwummere Aduan no so mfaso. Asuafo a akyiri yi wɔbɛyɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn no, ahenni ho apam a Yesu ne asomafo no yɛe saa anadwo no, na wɔn nso bɛba abɛka ho bi.—Luka 22:​29, 30.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena